Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 59 owu. 142-owu. 143
  • Mmɩlantɩyɛ Anla Be Mɔɔ Bediyeli Gyehova

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Mmɩlantɩyɛ Anla Be Mɔɔ Bediyeli Gyehova
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 59 owu. 142-owu. 143
Daniel, Hanania, Misael ne Asaria anni ɔhene no aduan no

OZUMALƐDƖYƐ 59

Mmɩlantɩyɛ Anla Be Mɔɔ Bediyeli Gyehova

Bere a Nebukadnesar de Yudafo mmerante a wɔfi ahemfie kɔɔ Babilon no, ɔmaa ahemfie panyin bi a yɛfrɛ no Aspenas hwɛɛ wɔn so. Nebukadnesar ka kyerɛɛ Aspenas sɛ, ɔnhwɛ wɔn mu na onyi mmerantewaa a wɔwɔ ahoɔden na wɔnim nyansa mma no. Ná wɔbɛtete saa mmerantewaa yi mfe mmiɛnsa, na na ntetee yi bɛma wɔabɛyɛ nnipa atitiriw wɔ Babilon. Ná mmerantewaa no besua Akkadia kasa a Babilonfo ka; na wɔbesua sɛnea wɔbɛkyerɛw na wɔakenkan nso. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wɔdi aduan a ɔhene no ne wɔn a wɔwɔ ahemfie hɔ di no bi. Mmerantewaa no, wɔfrɛ emu nnan Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Aspenas maa wɔn Babilonfo din. Ɔfrɛɛ wɔn Beltesasar, Sadrak, Mesak, ne Abednego. Wohwɛ a, na saa ntetee yi bɛma wɔagyae Yehowa som anaa?

Ná mmerantewaa nnan yi asi wɔn bo sɛ wɔbetie Yehowa. Ná wɔnim sɛ Yehowa ahyɛ mmara sɛ mma wɔnni aduan a ɛho ntew. Enti na ɛnsɛ sɛ wɔdi ɔhene no aduan no. Wɔka kyerɛɛ Aspenas sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, yɛmpɛ sɛ yedi ɔhene no aduan no.’ Aspenas ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ moanni na ɔhene hu sɛ mo anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ a, obekum me!’

Biribi baa Daniel tirim. Ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ wɔn so no sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, ma yɛn nhabamma nko ara ne nsu nna du. Afei fa yɛn toto mmerantewaa a wɔbedi ɔhene aduan no ho.’ Nea ɔhwɛ wɔn so no penee so.

Nna du akyi no, na Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no ayɛ kama asen mmerantewaa a aka no. Yehowa ani gyee sɛ wɔtiee n’asɛm. Na mpo, ɔmaa Daniel nyansa a ɛbɛma wate anisoadehu ne dae ase.

Wɔwiee ntetee no, Aspenas de mmerantewaa no bɛkyerɛɛ Nebukadnesar. Ɔhene no ne wɔn kasae, na ohuu sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria adwenem abue, na wɔnim nyansa sen mmerantewaa a aka no nyinaa. Oyii mmerantewaa nnan yi sɛ wɔmma wɔnyɛ adwuma wɔ n’ahemfie hɔ. Sɛ asɛm bi kyere ɔhene adwene a, na ɔtaa frɛ wɔn bisa wɔn adwene wɔ ho. Yehowa na ɔma wɔhuu nyansa sen ɔhene no anyansafo ne wɔn a wɔyi nkonyaa no nyinaa.

Ɛwom sɛ na Daniel, Hanania, Misael ne Asaria wɔ obi man so de, nanso wɔn werɛ amfi sɛ wɔyɛ Yehowa nkurɔfo. Wo nso, sɛ wowɔ baabi na w’awofo nni hɔ mpo a, wobɛkae Yehowa anaa?

“Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no animtiaa da. Mmom no, yɛ nhwɛso ma anokwafo no wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.”—1 Timoteo 4:12

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ti mɔɔ Danɩyɛlɩ nɩɩ yɩ ɔhɔnwʋmmɔ asã nɩ diyeli Gyehova a? Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Gyehova wʋwalɩ bɛ a?

Danɩyɛlɩ 1:1-21

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́