Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 88 owu. azʋ. 206-207
  • Bɛhyɩlɩ Gyisɛsɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Bɛhyɩlɩ Gyisɛsɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 88 owu. azʋ. 206-207
Yuda reyi Yesu ama wɔ Getsemane turom hɔ

OZUMALƐDƖYƐ 88

Bɛhyɩlɩ Gyisɛsɩ

Yesu ne n’asomafo no kɔfaa Kidron Bon no mu kɔɔ Ngodua Bepɔw no so. Ná ɛyɛ anadwo dasum, na na bosome apae. Bere a wɔduu Getsemane turom hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Montena ha na monwɛn.’ Afei Yesu kɔɔ n’anim kakra wɔ turom hɔ kobuu nkotodwe. Ná ne ho yeraw no paa, enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ma wo pɛ nyɛ hɔ.” Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfo bi bɛhyɛɛ Yesu den. Bere a Yesu san kɔɔ faako a asomafo no wɔ no, ɔkɔtoe sɛ wɔn mu mmiɛnsa adeda. Ɔkaa sɛ: ‘Monsɔre! Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ moda! Bere aso sɛ wɔyi me hyɛ m’atamfo nsa.’

Wɔde sika rema Yuda

Ankyɛ na Yuda dii nnipadɔm bi a wɔkurakura sekan ne nkontimmaa, anaa nnua anim baa turom hɔ. Ná onim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, Yesu bɛwɔ turom hɔ efisɛ na wɔtaa kɔ hɔ. Ná Yuda adi kan akyerɛ asogyafo no sɛnea obeyi Yesu ama wɔn. Enti wɔduu hɔ no, Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔkaa sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo mikyia wo oo.’ Afei ɔfew Yesu ano. Yesu kaa sɛ: ‘Yuda, wode mfewano na ɛreyi me ama?’

Yesu begyinaa nnipadɔm no anim bisaa wɔn sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Nkurɔfo no kaa sɛ: ‘Yɛrehwehwɛ Nasareni Yesu.’ Ɛnna Yesu kaa sɛ: ‘Mini.’ Ɛhɔ ara na nkurɔfo no pimpinii wɔn akyi kɔhwehwee fam. Yesu san bisaa wɔn sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Nkurɔfo no san kaa sɛ: ‘Yɛrehwehwɛ Nasaretni Yesu.’ Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Maka akyerɛ mo sɛ, mini. Momma m’asuafo no nkɔ.’

Bere a Petro huu nea ɛrekɔ so no, ɔtwee ne sekan de twaa ɔsɔfo panyin no akoa bi a wɔfrɛ no Malko aso fii hɔ. Nanso Yesu de ne nsa kaa aberante no aso maa ne ho tɔɔ no. Afei ɔdan n’ani ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Fa sekan no hyɛ baabi. Wode sekan ko a, wubewu wɔ sekan ano.’ Afei asogyafo no kyeree Yesu na wɔkyekyeree ne nsa. Ɛbaa saa no, asomafo no guanee. Nkurɔfo no de Yesu kɔmaa ɔsɔfo panyin Anas. Anas bisabisaa Yesu anom asɛm, ɛnna ɔde no kɔɔ Ɔsɔfo Panyin Kaiafa fie. Asomafo no nso ɛ? Dɛn na ɛtoo wɔn?

“Mubehu amane wɔ wiase de, nanso munnya akokoduru! Madi wiase so nkonim.”—Yohane 16:33

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla odwokɔ yɛ izili wɔ Gɛtɩsamani toolo yi nu a? Mɩnla yɛ ɔkɔhʋla kozuma wɔ mɔɔ Gyisɛsɩ yɛlɩ wɔ ɔzɔ nunuma yi nu a?

Matiyu 26:36-57; Maakɩ 14:32-50; Luuku 22:39-54; Dwɔɔnʋ 18:1-14, 19-24

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́