Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 94 owu. azʋ. 220-221
  • Asʋ̃mavʋlɔ Yɩ Nyianlɩ Sunzuma Nwanzanwanza

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Asʋ̃mavʋlɔ Yɩ Nyianlɩ Sunzuma Nwanzanwanza
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • “Sunzuma Nwanzanwanza Nɩ Ɩɣalɩ Iwulalɩ Bo Munwatĩĩ Amanlɩ Amanlɩ”
    ‘Di Nyamɩnlɩ Bulombunlililɛ Yɩ Nwʋ Dasɩlɛ Bɔkɔbɔkɔ’
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 94 owu. azʋ. 220-221
Nnipa a wɔwɔ Yerusalem no, ɛyɛ wɔn nwanwa sɛ Yesu asuafo no ne wɔn reka wɔn kurom kasa

OZUMALƐDƖYƐ 94

Asʋ̃mavʋlɔ Yɩ Nyianlɩ Sunzuma Nwanzanwanza

Bere a Yesu kɔɔ soro no, nna du akyi, honhom kronkron baa n’asuafo no so. Ná ɛyɛ Pentekoste afe 33 Y.B., na na nnipa fi mmeae mmeae rebedi afahyɛ wɔ Yerusalem. Ná Yesu asuafo bɛyɛ 120 ahyiam wɔ abansoro dan bi mu. Prɛko pɛ na anwanwasɛm bi sii. Biribi te sɛ ogya besisii asuafo no ti so, na wɔn nyinaa fii ase kaa kasa horow. Nnyigyei kɛse bi a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den bɛhyɛɛ dan no mu mã.

Ahɔho a wɔfi aman foforo so baa Yerusalem no tee dede no, enti wɔtuu mmirika kɔɔ fie no mu kɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so. Wɔtee sɛ asuafo no reka kasa horow, na ɛyɛɛ wɔn nwanwa paa. Ahɔho no kaa sɛ: ‘Nnipa a wɔrekasa yi, wɔnyɛ Galileafo? Ɛbaa no sɛn na wɔreka yɛn kurom kasa yi?’

Afei Petro ne asomafo a aka no gyinaa nnipadɔm no anim. Petro kaa nea ɛyɛe a wɔkum Yesu, na afei Yehowa nyan no no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Petro kaa sɛ: ‘Seesei, Yesu te Onyankopɔn nsa nifa so wɔ soro, na wahwie honhom kronkron a ɔde hyɛɛ yɛn bɔ no agu yɛn so. Ɛno nti na moahu na moate anwanwasɛm yi no.’

Asɛm a Petro kae no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn paa, na wɔbisaa sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monsakra mfi mo bɔne ho, na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu din mu. Mo nso, mubenya honhom kronkron no bi sɛ akyɛde.’ Enti da no ara, nnipa bɛyɛ 3,000 bɔɔ asu. Efi saa da no, asuafo no hyɛɛ ase sɛ wɔredɔɔso ntɛmntɛm wɔ Yerusalem. Honhom kronkron no boaa asomafo no ma wɔtew nsafo bebree sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi akyerɛkyerɛ asuafo no ama wɔadi Yesu ahyɛde so.

“Sɛ wode w’ano ka kyerɛ nkurɔfo sɛ Yesu ne Awurade, na wugye di wɔ wo koma mu sɛ Onyankopɔn nyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa.”—Romafo 10:9

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla yɛ izili wɔ Pɛntɩkɔsʋ 33 Y.M. a? Mɩnla yɛ ɩmanlɩ mmenii sʋ̃maa nlumanlɩ a?

Egyima 1:15; 2:1-42; 4:4; Dwɔɔnʋ 15:26

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́