Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 12 owu. azʋ. 34-35
  • Gyekɔpʋ Nyianlɩ Agyiapadɩ Yɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Gyekɔpʋ Nyianlɩ Agyiapadɩ Yɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Gyekɔpʋ Nɩɩ Yisɔ Ziyeziyeli Bɛ Avinli
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 12 owu. azʋ. 34-35
Yakob de aduan rema Esau de agye ne panyin

OZUMALƐDƖYƐ 12

Gyekɔpʋ Nyianlɩ Agyiapadɩ Yɩ

Isak ne Rebeka ne wɔn mma ntaafo no, Yakob ne Esau

Bere a Isak waree Rebeka no, na wadi mfe 40. Ná ɔdɔ Rebeka paa. Akyiri yi, wɔwoo mmabarima mmienu. Ná wɔyɛ ntaafo.

Ɔpanyin no din de Esau, na kumaa no de Yakob. Ná Esau ntaa ntena fie koraa, na ɔkɔ wuram kokum nam. Ná ɔtaa de nam ba fie paa. Yakob de, na ɔtaa tena fie.

Saa bere no, sɛ agya bi wu a na ne babarima panyin na wɔde n’asaase ne ne sika dodow no ara ma no. Ná yɛfrɛ wei agyapade. Isak abusua mu no, na ɛbɔ a Yehowa ahyɛ Abraham no nso ka saa agyapade yi ho. Ná saa bɔhyɛ no ho nhia Esau pii. Nanso Yakob de, na ɛho hia no paa.

Yakob ne Esau

Da bi, Esau kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ nam. Ɔkɔe no, ɔkyɛe; ɔbae no na wabrɛ paa. Ná Yakob reyɛ aduan, na aduan no hua tu faa Esau so. Enti ɔkaa sɛ: ‘Ɔkɔm rekum me! Ma me ade kɔkɔɔ anaa aduan yi bi nni!’ Yakob kaa sɛ: ‘Mɛma wo bi, nanso di kan hyɛ me bɔ sɛ wode w’agyapade bɛma me.’ Ɛnna Esau kaa sɛ: ‘Mede agyapade reyɛ dɛn? Wopɛ a, fa. Me de aduan na merepɛ adi.’ Wugye di sɛ nyansa wɔ nea Esau yɛe yi mu? Daabi. Esau de biribi a ɛsom bo paa sesaa aduan baako pɛ.

Bere a Isak bɔɔ akwakoraa no, na ɛsɛ sɛ ohyira ne babarima panyin no. Nanso Rebeka boaa ne babarima kumaa Yakob ma ogyee nhyira no. Bere a Esau hui no, ne bo fuwii paa, na ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum ne nua no. Ná Isak ne Rebeka pɛ sɛ wɔbɔ Yakob ho ban, enti wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Guan! Kɔtena wo wɔfa Laban hɔ kosi sɛ Esau abufuw ano bedwo.’ Yakob tiee n’awofo asɛm, na oguan peree ne nkwa.

“Sɛ onipa nya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa a, mfaso bɛn paa na obenya? Dɛn koraa na onipa de bɛsesa ne nkwa?”—Marko 8:36, 37

Ndwokɔɣizialɛ: Kɛ nɩ Yisɔ ɩdɩ ise a? Kɛ nɩ Gyekɔpʋ ɩdɩ ise a? Kɛ ankɩ Yisɔ kenyia agyiapadɩ yɩ nɩ, Gyekɔpʋ mfomi yɛ nyianlɩ a. Mɩnla ti a?

Gyɛnɛsɩsɩ 25:20-34; 27:1–28:5; Hibulumaa 12:16, 17

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́