Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 16 owu. azʋ. 44-45
  • Nɩ Aninyia Yɛ Lɛ Dwoobu a?

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Nɩ Aninyia Yɛ Lɛ Dwoobu a?
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 16 owu. azʋ. 44-45
Hiob ho nyinaa ayɛ kuru. Mmarima mmiɛnsa rebɛsra no

OZUMALƐDƖYƐ 16

Nɩ Aninyia Yɛ Lɛ Dwoobu a?

Papa bi tenaa kurow bi a yɛfrɛ no Us. Ná ɔsom Yehowa. Ne din de Hiob. Ná ɔwɔ sika pii, na na n’abusua yɛ kɛse. Ná ne tirim nyɛ den. Ɔboaa ahiafo, mmaa a wɔn kununom awu, ne mmofra a wɔnni maame ne papa. Esiane sɛ na Hiob yɛ nneɛma pa nti, na adebɔne biara rento no da anaa?

Satan Ɔbonsam

Nea na Hiob reyɛ nyinaa, sɛɛ na Satan Ɔbonsam rehwɛ no. Nso na Hiob nnim. Yehowa bisaa Satan sɛ: ‘Woahu m’akoa Hiob? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Mekasa kyerɛ no a otie, na ɔyɛ adepa.’ Ɛnna Satan buaa sɛ: ‘Ɛyɛ ampa, minim sɛ Hiob tie w’asɛm. Ade yi woabɔ ne ho ban na woahyira no. Woama no asaase ne nyɛmmoa. Wopɛ a, gye ne nyinaa na wubehu sɛ ɔrensom wo bio.’ Yehowa nso kaa sɛ: ‘Wubetumi asɔ Hiob ahwɛ, nanso hwɛ na woankum no.’ Adɛn na Yehowa maa kwan ma Satan sɔɔ Hiob hwɛe? Efisɛ na Yehowa gye di paa sɛ Hiob bedi nokware.

Satan fii ase de ɔhaw bebree baa Hiob so. Nea edi kan, ɔmaa nkurɔfo bi a wɔfrɛ wɔn Sabafo bewiaa Hiob anantwi ne ne mfurum nyinaa. Ɛno akyi no, ogya hyew Hiob nguan nyinaa. Afei nkurɔfo bi a yɛfrɛ wɔn Kaldeafo bewiaa ne yoma nyinaa. Wɔsan kunkum Hiob nkoa a na wɔrehwɛ ne mmoa so no. Afei, ɔhaw kɛse bi baa Hiob so. Ná Hiob mma nyinaa ahyia baabi regye wɔn ani, ɛnna dan no bu guu wɔn nyinaa so kunkum wɔn. Ɛyɛɛ Hiob yaw paa, nanso wannyae Yehowa som.

Ná Satan ayɛ n’adwene sɛ ɔbɛma Hiob abrɛ akyɛn nea ato no no. Enti ɔmaa Hiob ho nyinaa yɛɛ kuru. Wei maa Hiob honam nyinaa yɛɛ no yaw paa. Ná onnim nea enti a saa nneɛma yi nyinaa ato no. Nanso, ɔkɔɔ so ara som Yehowa. Onyankopɔn huu nea na Hiob refa mu nyinaa, na ɛma ɔpɛɛ Hiob asɛm.

Satan san maa mmarima mmiɛnsa kɔsɔɔ Hiob hwɛe. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛbɛyɛ sɛ woayɛ bɔne bi na wopɛ sɛ wode sie. Enti Onyankopɔn na ɔretwe w’aso.’ Ɛnna Hiob kaa sɛ: ‘Menyɛɛ bɔne biara.’ Nanso Hiob nyaa adwene sɛ ɛyɛ Yehowa na ɔde ɔhaw no aba ne so. Na ɔsan kaa sɛ Onyankopɔn ne no anni no yiye.

Wɔrekasa nyinaa na aberante bi a yɛfrɛ no Elihu te hɔ dinn retie wɔn. Afei Elihu kaa sɛ: ‘Nea mo nyinaa reka no nyɛ nokware. Yehowa yɛ kɛse sen sɛnea yebetumi ate ase. Ɔrentumi nyɛ adebɔne da. Ohu ade nyinaa, na sɛ obi refa ɔhaw bi mu a, ɔboa no.’

Hiob ne ne yere ne wɔn ba

Afei Yehowa ne Hiob kasae. Obisaa Hiob sɛ: ‘Bere a mebɔɔ ɔsoro ne asaase no, na wowɔ he? Adɛn nti na woreka sɛ me ne wo anni no yiye? Worekasa de, nanso wunnim nea woreka.’ Hiob gyee ne mfomso toom, enti ɔkaa sɛ: ‘Manyɛ no yiye. Ná mate wo ho asɛm, nanso afei na mahu wo yiye. Biribiara nni hɔ a worentumi nyɛ. Mepa wo kyɛw, manka no yiye.’

Sɔhwɛ a ɛbaa Hiob so no baa awiei. Yehowa maa Hiob nyaa ahoɔden bio. Afei ɔmaa no nneɛma bebree sen nea na ɔwɔ kan no. Hiob nyin kyɛe na onyaa anigye nso. Bere a na nneɛma mu yɛ den ma Hiob mpo no, otiee Yehowa. Enti Yehowa nso hyiraa no. Wo nso, wubesuasua Hiob na woakɔ so asom Yehowa ɛmfa ho ɔhaw biara a ɛbɛto wo?

“Moate Hiob animia ho asɛm na moahu nea Yehowa ma efii mu bae.”—Yakobo 5:11

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla odwohilalɛ yɛ Setanɩ va ɣalɩ Dwoobu zʋ a? Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ Gyehova yilalɩ Dwoobu a?

Dwoobu 1:1–3:26; 4:7; 32:1-5; 34:5, 21; 35:2; 36:15, 26; 38:1-7; 40:8; 42:1-17

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́