Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 20 owu. azʋ. 52-53
  • Ɔhawʋ Ahyiã Mɔɔ Ɩdʋwalɩ Zʋlɔ Ɩɣalɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Ɔhawʋ Ahyiã Mɔɔ Ɩdʋwalɩ Zʋlɔ Ɩɣalɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Ɔhawʋ Asã Mɔɔ Ili Bɔmʋnlɩ
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Mosisi Zili Pɔkɔ Kɛɛ Ɩkɔzʋ̃mɩ Gyehova
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ɔhawʋ Mɔɔ Ɩtɔ Zʋlɔ Bunlu
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 20 owu. azʋ. 52-53
Mmoadabi bebree

OZUMALƐDƖYƐ 20

Ɔhawʋ Ahyiã Mɔɔ Ɩdʋwalɩ Zʋlɔ Ɩɣalɩ

Mose ne Aaron san kɔɔ Farao nkyɛn kɔkaa Onyankopɔn asɛm yi kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ woamma me nkurɔfo no ankɔ a, mɛma ahurii anaa nwansena akɛse bi a wɔnom mogya aba Egypt asaase so.’ Ampa ahurii bebree baa Egypt asikafo ne ahiafo nyinaa fie mu. Ahurii baa Egypt asaase so baabiara. Nanso Gosen de, ebi amma hɔ efisɛ ɛhɔ na na Israelfo no te. Ɔhaw mmiɛnsa a edi kan no, ebi baa Israelfo so. Nanso efi ɔhaw a ɛtɔ so nnan so rekɔ de, ebi anka Israelfo no. Egyptfo no nko ara na ɛkaa wɔn. Farao srɛɛ sɛ: ‘Mompa Yehowa kyɛw na mmoa no nkɔ. Mo nkurɔfo no betumi akɔ.’ Nanso bere a Yehowa maa ahurii no kɔe no, Farao sesaa n’adwene. Wohwɛ a, Farao besua biribi afi nea asi no mu?

Yehowa kaa sɛ: ‘Sɛ Farao amma me nkurɔfo ankɔ a, Egyptfo mmoa bɛyareyare na wɔawuwu.’ Ade kyee no, Egypt mmoa no fii ase wui. Nanso Israelfo mmoa de, wɔanwu. Farao kɔɔ so ara yɛɛ asoɔden, na wamma Israelfo no ankɔ.

Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ, ɔnsan nkogyina Farao anim na ɔntow nsõ nkɔ soro. Ɔyɛɛ saa no, nsõ no danee mfuturu koguu Egyptfo no nyinaa so. Mfuturu no maa ekuru a ɛyɛ yaw pii bɛtotɔɔ Egyptfo no nyinaa ne wɔn mmoa ho. Wei nyinaa akyi, Farao amma Israelfo no ankɔ.

Egyptfo haw no, nea ɛtɔ so 4 kosi 6: ahurii, mmoa wui, mpɔmpɔ

Yehowa san somaa Mose sɛ ɔnkɔka nkyerɛ Farao sɛ: ‘Woda so ara reka sɛ woremma me nkurɔfo no nkɔ anaa? Ɔkyena, mɛma amparuwbo anaa biribi a ɛte sɛ ice blɔk atɔ afi soro agu asaase no so.’ Ade kyee no, Yehowa maa aprannaa anaa agradaa, amparuwbo ne ogya tɔ fii soro. Ná nsu kɛse saa ntɔɔ wɔ Egypt da. Ɛsɛee nnua ne nnuan nyinaa. Nnua ne nnuan a ɛwɔ Gosen de, ansɛe. Ɛnna Farao kaa sɛ: ‘Mompa Yehowa kyɛw na ɔmma ennyae! Egyae a, mubetumi akɔ.’ Nanso amparuwbo ne nsu no gyaee ara pɛ, Farao sesaa n’adwene.

Mose kaa sɛ: ‘Mɛma mmoadabi anaa mmɛbɛ abɛwe biribiara a amparuwbo no ansɛe no.’ Mmoadabi bebree bɛwee biribiara a na aka wɔ afuw mu ne nnua so. Farao srɛɛ sɛ: ‘Mompa Yehowa kyɛw na ɔmma mmoadabi no nkɔ.’ Nanso bere a Yehowa maa mmoadabi no kɔe no, Farao kɔɔ so yɛɛ asoɔden.

Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Tene wo nsa kyerɛ soro.’ Ɔyɛɛ saa no, ɛhɔ ara na esum tumm bae. Nnansa, na Egyptfo no nhu biribiara. Israelfo nko ara na na hann wɔ wɔn fie.

Egyptfo haw no, nea ɛtɔ so 7 kosi 9: amparuwbo, mmoadabi, esum

Farao ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Wo ne wo nkurɔfo no betumi akɔ. Mo mmoa de, munnyaw wɔn wɔ ha.’ Ɛnna Mose kaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn mmoa kɔ na yɛanya bi de abɔ afɔre ama yɛn Nyankopɔn.’ Wei maa Farao bo fuwii paa. Ɔteɛteɛɛm guu wɔn so sɛ: ‘Mumfi m’ani so nkɔ. Sɛ mihu mo bio a, mekum mo.’

“Mobɛsan ahu nsonsonoe a ɛda onipa trenee ne onipabɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Malaki 3:18

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ɔhawʋ mvʋlɔ yɛ Gyehova va ɣalɩ bɔ zʋ a? Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ nɩ bɛdɩ sʋnʋnkʋ̃ wɔ ɔhawʋ asã mɔɔ ili bɔmʋnlɩ nɩ nwʋ a?

Ɛkɩsadɔsʋ 8:20–10:29

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́