Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 25 owu. azʋ. 64-65
  • Ɛdamɛ Aliyia Mɔɔ Nɩ Bɔkɔzʋ̃mɩ Wɔ Nu

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Ɛdamɛ Aliyia Mɔɔ Nɩ Bɔkɔzʋ̃mɩ Wɔ Nu
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Ma Wʋ Anyɩ Ɩzɔ Ɔnwʋmɔ Ɔhʋanɩ Mɔɔ Ɛlɛ Kɛɛ Ɔsʋ̃mɩɩ Gyehova Wɔ Yi Sunzuma Ɔfʋã Nu Asɔlɩ Aliyia Kezile Yi Nu
    Ɔwɩɛnɩlɛ Aɣanɩ Ɩbɔ Gyehova Yɩ Bulombunlililɛ Nwʋ Ɛlawulo (Mɔɔ Yesuma)—2023
  • “Nninyeni Baaba Mɔɔ Ɩbaɣa Nɩ Yi Mfonyini”
    Yɛ Kilisinyianɩ Ɛbɩlawɔlɛ Nɩɩ Dasɩlɛlilɛ—Dɩyɛzumanlɛ Kɛlɛta—2019
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 25 owu. azʋ. 64-65
Ntamadan no ne n’adiwo

OZUMALƐDƖYƐ 25

Ɛdamɛ Aliyia Mɔɔ Nɩ Bɔkɔzʋ̃mɩ Wɔ Nu

Bere a Mose wɔ Sinai Bepɔw so no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ onsi ntamadan soronko bi. Ɛhɔ na na Israelfo no bɛsom Onyankopɔn. Baabi a wɔbɛkɔ biara no, na wɔbetumi asoa ntamadan no akɔ.

Yehowa kaa sɛ: ‘Ka kyerɛ nkurɔfo no sɛ wɔmfa nea wɔbenya biara mmra mmɛboa ma wɔnsi ntamadan no.’ Enti Israelfo no de sika kɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, aboɔden abo, ne agude bae. Afei nso wɔde asaawa, nwera anaa ntama fitaa, aboa nhoma, ne nneɛma foforo pii bae. Ná wɔn yam ye paa, enti wɔde nneɛma bae ara ma Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Nea mode aba no dɔɔso! Obiara mmfa bi mma bio.’

Israelfo no de akyɛde rema sɛ wɔmfa nsi ntamadan no

Ná mmarima ne mmea pii nim adwuma paa. Enti wɔboa ma wɔsii ntamadan no. Yehowa maa wɔn nyansa a wɔde bɛyɛ adwuma no. Ebinom de asaawa yɛɛ nhama, wɔnwenee ntama, anaa wɔnwenee nneɛma a ɛyɛ fɛ guu ntama no mu. Ebi hyehyɛɛ abo, afoforo nso yɛɛ sika kɔkɔɔ, anaa nnua ho adwuma.

Sɛnea Yehowa kaa sɛ wɔnsi ntamadan no, saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛe. Wɔyɛɛ ntama fɛfɛɛfɛ bi de kyɛɛ ntamadan no mu mmienu. Ná wɔfrɛ baako Kronkronbea, ɛnna baako nso wɔfrɛ no Kronkron mu Kronkronbea. Wɔde ɔkanto dua ne sika kɔkɔɔ na ɛyɛɛ apam adaka no. Ná apam adaka no si Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Sɛ wokɔ Kronkronbea hɔ a, na wubehu sika kaneadua, table, ne ade a wɔhyew aduhuam wɔ so a yɛfrɛ no muka nso wɔ hɔ. Adiwo anaa abɔnten hɔ nso, nea na ɛwɔ hɔ ne kyɛnsee bi a wɔde kɔbere ayɛ ne afɔremuka kɛse. Ná apam adaka no ma Israelfo no kae sɛ wɔahyɛ Yehowa bɔ sɛ wɔbetie n’asɛm. Sɛ yɛka apam a, wunim nea ɛkyerɛ? Ɛkyerɛ bɔhyɛ titiriw bi.

Yehowa yii Aaron ne ne mma no sɛ wɔnyɛ asɔfo. Ná wɔbɛyɛ adwuma wɔ ntamadan no mu. Ná wɔbɛhwɛ so, na wɔabɔ afɔre wɔ hɔ ama Yehowa. Aaron na na ɔyɛ ɔsɔfo panyin. Ɔno nko ara na na obetumi akɔ Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Afe biara, na ɔkɔ hɔ baako pɛ. Ɔkɔ hɔ a, na ɔbɔ bɔne afɔre ma ne ho, n’abusua, ne Israel man no nyinaa.

Bere a Israelfo no fii Egypt no, afe pɛpɛɛpɛ na wɔsii ntamadan no wiei. Afei de, na wɔanya baabi a wɔbɛsom Yehowa.

Yehowa de n’anuonyam hyɛɛ ntamadan no ma, na ɔmaa omununkum bɛkataa so. Sɛ omununkum no wɔ ntamadan no so a, na Israelfo no ntu mfi baabi a wɔte no. Nanso sɛ omununkum no ma ne ho so a, ɛma wɔhu sɛ ɛsɛ sɛ wɔtu. Ɛba saa a, wɔtutu ntamadan no, na wɔadi omununkum no akyi.

“Ɛnna metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: ‘Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔne wɔn bɛtena, na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena.’”—Adiyisɛm 21:3

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla yɛ Gyehova hanlɩ hileli Mosisi kɛɛ igyina a? Mɩnla egyima yɛ Gyehova va wulalɩ Elɔnʋ nɩɩ yi nnwuakula yɩ bɛ sa a?

Ɛkɩsadɔsʋ 25:1-9; 31:1-11; 40:33-38; Hibulumaa 9:1-7

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́