Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 26 owu. azʋ. 66-67
  • Ɛdɩdɛlɛmaa Bunlu Nɩɩ Anwɩ̃ Yɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Ɛdɩdɛlɛmaa Bunlu Nɩɩ Anwɩ̃ Yɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Fá Wʋ Ahʋnlɩnɩ Munwatĩĩ Di Gyehova Mɛda
    Yɛ Kilisinyianɩ Ɛbɩlawɔlɛ Nɩɩ Dasɩlɛlilɛ—Dɩyɛzumanlɛ Kɛlɛta—2021
  • Gyehova Yɩlɩ Dwohyuwa
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 26 owu. azʋ. 66-67
Israel akwansrafo no rehwɛ Kaanan asaase no

OZUMALƐDƖYƐ 26

Ɛdɩdɛlɛmaa Bunlu Nɩɩ Anwɩ̃ Yɩ

Bere a Israelfo no tu fii Sinai Bepɔw ho no, wɔfaa Paran sare anaa asaase so kɔɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Kades. Ɛhɔ na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Kaanan asaase a mede bɛma Israelfo no, soma mmarima 12 na wɔnkɔhwɛ hɔ. Yi ɔbarima baako fi abusua biara mu.’ Enti Mose yii mmarima 12, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ Kaanan nkɔhwɛ sɛ, sɛ wɔdua aduan wɔ asaase no so a ɛbɛyɛ yiye anaa. Ɛyɛ a, monhwɛ sɛ nkurɔfo no ho yɛ den anaa wɔn ho nyɛ den. Afei monhwɛ sɛ wɔte ntamadan mu anaa nkurow akɛse mu.’ Ná Yosua ne Kaleb ka akwansrafo 12 no ho. Na wɔsii mu kɔɔ Kaanan.

Israelfo no rekasakasa na ehu aka wɔn

Nna mmaako mmaako 40 akyi no, akwansrafo no bae. Wɔde borɔdɔma, granate akutu, ne bobe fi hɔ bae. Akwansrafo no bɛbɔɔ amanneɛ sɛ: ‘Asaase no de, ɛyɛ papa nanso nkurɔfo no ho yɛ den na wɔn nkurow no afasu nso yɛ atenten.’ Afei Kaleb kaa sɛ: ‘Yebetumi adi wɔn so nkonim. Enti momma yɛnkɔ wɔn so seesei ara!’ Wunim nea enti a Kaleb kaa saa? Efisɛ na Kaleb ne Yosua gye Yehowa di. Nanso akwansrafo du a aka no kaa sɛ: ‘Daabi! Nkurɔfo no soso woware te sɛ abran! Yɛyɛɛ nketenkete te sɛ mmɛbɛ wɔ wɔn ani so.’

Israelfo no abam bui. Wɔfii ase kasakasae. Wɔka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Momma yenyi onipa foforo nni yɛn anim na yɛnsan nkɔ Egypt. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ Kaanan ma ɛhɔfo kunkum yɛn?’ Yosua ne Kaleb kaa sɛ: ‘Mma monyɛ Yehowa so asoɔden. Ɛnsɛ sɛ musuro. Yehowa bɛbɔ yɛn ho ban.’ Nanso Israelfo no antie. Ná wɔpɛ sɛ wɔkum Yosua ne Kaleb mpo!

Dɛn na Yehowa yɛe wɔ asɛm no ho? Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: ‘Nea mayɛ ama Israelfo nyinaa akyi no, wɔntie m’asɛm. Ɛno nti wɔbɛtena sare yi so mfe 40, na ɛha ara na wɔbewuwu. Israelfo mma nko ara, ne afei Yosua ne Kaleb na wɔbɛtena asaase a mede hyɛɛ wɔn bɔ no so.’

“Adɛn nti na ehu aka mo saa, mo a mo gyidi sua?”—Mateo 8:26

Ndwokɔɣizialɛ: Mmɩlɩ mɔ ɛdɩdɛlɛmaa 12 yɩ zʋ̃ Keenanɩ ɣalɩ nɩ, mɩnla yɛ izili a? Mɩnla yɛ Dwohyuwa nɩɩ Kelɛbɩ yɛlɩ va hileli kɛɛ bede Gyehova bedi a?

Nɔmɛsɩ 13:1–14:38; Ditilonɔmi 1:22-33; Ndwomi 78:22; Hibulumaa 3:17-19

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́