Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 30 owu. azʋ. 76-77
  • Ɣɩlahabɩ Valɩ Ɛdɩdɛlɛmaa Nɩ Ziyeli

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Ɣɩlahabɩ Valɩ Ɛdɩdɛlɛmaa Nɩ Ziyeli
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Ɣɩlahabɩ Ileli Gyehova Ilili
    Fa Kilehile Wʋ Mma
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 30 owu. azʋ. 76-77
Rahab maa asogyafo no faa baabi foforo de bɔɔ akwansrafo no ho ban

OZUMALƐDƖYƐ 30

Ɣɩlahabɩ Valɩ Ɛdɩdɛlɛmaa Nɩ Ziyeli

Akwansrafo bi fi Israel kɔɔ Yeriko kurow no mu. Wɔtenaa ɔbea bi a yɛfrɛ no Rahab fie. Bere a Yeriko hene tee no, ɔsomaa asogyafo kɔɔ Rahab fie. Rahab de akwansrafo mmienu no siee ne dan no atifi, na ɔmaa asogyafo no faa baabi foforo. Ɔka kyerɛɛ akwansrafo no sɛ: ‘Mɛboa mo efisɛ minim sɛ Yehowa ka mo ho, na mubedi asaase yi so nkonim. Mesrɛ mo, monhyɛ me bɔ sɛ mubegye m’abusua nkwa.’

Akwansrafo no ka kyerɛɛ Rahab sɛ: ‘Yɛhyɛ wo bɔ sɛ bɔne biara rento obiara wɔ fie ha.’ Wɔkaa sɛ: ‘Fa ahama kɔkɔɔ sɛn wo mpoma no ho, na w’abusuafo benya nkwa.’

Ahama kɔkɔɔ sɛn Rahab fie mpoma no ho. Bere a Yeriko afasu dwiriw gui no, ɛno de ammubu

Rahab de ahama kyekyeree ne mpoma ho maa akwansrafo no faa ho sii fam. Wɔde wɔn ho kosiee mmepɔw so nnansa ansa na wɔresan akɔ Yosua nkyɛn. Afei Israelfo twaa Asubɔnten Yordan no, na wɔsiesiee wɔn ho sɛ wɔbɛko afa asaase no. Kurow a edi kan a wɔdii so nkonim ne Yeriko. Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ da biara, wɔnnantew ntwa kurow no ho nhyia baako. Wɔyɛɛ saa nnansia, na da a ɛtɔ so nson no de, wɔnantew twaa kurow no ho hyiae mpɛn nson. Ɛno akyi no, asɔfo no hyɛn wɔn abɛn no, na asogyafo no nso teɛteɛɛm denneennen. Ɛbaa saa no, kurow no afasu nyinaa bubu guu fam! Ná Rahab fie no si ɔfasu no so. Nanso ɛno de, ammubu. Rahab ne n’abusuafo nyaa nkwa, efisɛ onyaa Yehowa mu gyidi.

“Rahab nso, bere a ogyee mmarima a wɔsomaa wɔn no kama na ɔma wɔfaa ɔkwan foforo so kɔe no, ɛnkyerɛ sɛ nnwuma so na wɔnam buu no bem anaa?”—Yakobo 2:25

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ti mɔɔ Ɣɩlahabɩ wʋwalɩ ɛdɩdɛlɛmaa nɩ a? Kɛ ɩyɛlɩ mɔɔ Yizilayamaa nɩ lili Gyɛlɩkomaa nɩ zʋ nkunimi a? Mɩnla yɛ ɩdʋlɩ Ɣɩlahabɩ nɩɩ yɩ abusunwamaa yɩ a?

Dwohyuwa 2:1-24; 6:1-27; Hibulumaa 11:30, 31; Gyemisi 2:24-26

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́