Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 32 owu. azʋ. 80-81
  • Anyunumililɛvʋlɔ Fʋlɔ Nɩɩ Mmaalɛ Akɛnɣazilɛmaa Anwɩ̃ Yɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Anyunumililɛvʋlɔ Fʋlɔ Nɩɩ Mmaalɛ Akɛnɣazilɛmaa Anwɩ̃ Yɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 32 owu. azʋ. 80-81
Barak reka akyerɛ Debora sɛ ɔmmra mma wɔnkɔ

OZUMALƐDƖYƐ 32

Anyunumililɛvʋlɔ Fʋlɔ Nɩɩ Mmaalɛ Akɛnɣazilɛmaa Anwɩ̃ Yɩ

Yosua dii Yehowa nkurɔfo anim mfe pii. Owui no, na wadi mfe 110. Bere a ɔte ase no, na Israelfo no som Yehowa. Nanso Yosua wui no, Israelfo no fii ase som abosom te sɛ Kaananfo no ara. Israelfo no gyaee Yehowa som, enti Yehowa maa Kaanan hene bi a yɛfrɛ no Yabin teetee wɔn. Afei Israelfo no su frɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn. Yehowa maa wɔn ɔkannifo foforo. Yɛfrɛ no Barak. Ɔno na na ɔbɛboa Israelfo no ama wɔasan asom Yehowa.

Odiyifo baa bi a yɛfrɛ no Debora somaa sɛ wɔnkɔfrɛ Barak mmra. Yehowa ka kyerɛɛ Debora sɛ ɔnka asɛm bi nkyerɛ Barak. Ɛne sɛ: ‘Fa mmarima 10,000 na munkohyia Yabin ne n’asraafo, anaa n’asogyafo wɔ Kison subon ho. Wubedi Yabin asogyafo panyin Sisera so nkonim wɔ hɔ.’ Barak ka kyerɛɛ Debora sɛ: ‘Mɛkɔ nanso gye sɛ woka me ho.’ Debora nso kaa sɛ: ‘Me ne wo bɛkɔ. Nanso hu sɛ ɛnyɛ wo na wubekum Sisera. Yehowa aka sɛ ɔbea na obekum no.’

Debora ne Barak ne n’asogyafo no foro kɔɔ Tabor Bepɔw so. Wɔkosiesiee wɔn ho maa ɔko no. Sisera tee saa asɛm yi ara pɛ na ɔboaboaa ne nteaseɛnam ne n’asogyafo ano wɔ subon no ho. Debora ka kyerɛɛ Barak sɛ: ‘Ɛnnɛ na Yehowa bɛma woadi nkonim.’ Barak ne n’asogyafo 10,000 no sian bepɔw no kohyiaa Sisera ne n’asogyafo ahoɔdenfo no.

Afei Yehowa maa Kison nsu no yirii. Sisera nteaseɛnam no kaa atɛkyɛ mu enti osii fam guanee. Barak ne n’asogyafo no dii Sisera asogyafo no so nkonim. Nanso Sisera de, oguanee! Ɔkɔhyɛɛ ɔbea bi ntamadan mu. Yɛfrɛ ɔbea no Yael. Ɔmaa Sisera nufusu anaa milk nomee, na ɔde kuntu anaa ntama a emu yɛ duru kataa ne so. Ná Sisera abrɛ, enti ɔdae. Afei ɔbea no wiawiaa ne ho kɔɔ ne nkyɛn, na ɔde dua bi a wɔasen ano feafeaa wuraa ne tirim ma owui.

Barak ne Debora reto dwom ayi Yehowa ayɛ

Barak bae sɛ ɔrebɛhwehwɛ Sisera. Yael fii ne ntamadan no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: ‘Bra na menkyerɛ wo ɔbarima a worehwehwɛ no no.’ Barak kɔɔ ntamadan no mu na okohuu sɛ Sisera awu da hɔ. Barak ne Debora too dwom yii Yehowa ayɛ sɛ wama Israelfo adi wɔn atamfo so nkonim. Mfe 40 a edi hɔ no de, Israelfo nyaa asomdwoe.

“Mmea a wɔka asɛmpa no yɛ dɔm kɛse.”—Dwom 68:11

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Dɛbola wʋwalɩ Yizilayamaa nɩ a? Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Gyeyɛlɩ hileli kɛɛ ɩwɔ akɛnɣazɩzɩbɛ a?

Ndɛnɩwuwalɛmaa 4:1–5:31

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́