Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 43 owu. azʋ. 104-105
  • Bulombunli Devidi Yɛlɩ Tanɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Bulombunli Devidi Yɛlɩ Tanɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 43 owu. azʋ. 104-105
Odiyifo Natan reka Dawid anim

OZUMALƐDƖYƐ 43

Bulombunli Devidi Yɛlɩ Tanɩ

Bere a Saul wui no, Dawid bɛyɛɛ ɔhene. Ná Dawid adi mfe 30. Bere a odii hene mfe kakra akyi no, da koro bi na ɔnam n’ahemfie dan no so. Ohuu ɔbea fɛfɛɛfɛ bi. Akyiri yi, obehuu sɛ ɔbea no din de Bat-Seba. Ne kunu nso din de Uria, na na ɔyɛ sogyani. Ɔma wɔkɔfrɛɛ Bat-Seba brɛɛ no wɔ ahemfie hɔ. Ɔne no dae, na ɔbaa no nyinsɛnee. Ná anka Dawid pɛ sɛ ɔde ne bɔne no sie. Enti ɔka kyerɛɛ asogyafo panyin no sɛ ɔmfa Uria nkogyina faako a ɔko no mu yɛ den paa, na obiara ntwe ne ho mfi n’akyi. Bere a wɔkum Uria wɔ ɔko no mu no, Dawid waree Bat-Seba.

Ɔhene Dawid rebɔ mpae asrɛ bɔne fakyɛ

Nanso Yehowa huu nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so no nyinaa. Dɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho? Ɔsomaa ne diyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Natan kaa sɛ: ‘Ná osikani bi wɔ nguan bebree. Ohiani bi de, na ɔwɔ oguan ba baako pɛ, na na oguan no da ne koma so paa. Osikani no faa ohiani no guan baako pɛ no.’ Dawid bo fuwii, na ɔkaa sɛ: ‘Osikani no fata owu!’ Afei Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Wo ara ne saa osikani no!’ Dawid koma bubui, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: ‘Mayɛ Yehowa bɔne.’ Bɔne no de ɔhaw pii brɛɛ Dawid ne n’abusua. Yehowa twee Dawid aso, nanso wankum no efisɛ na Dawid di nokware, na na ɔbrɛ ne ho ase.

Ná Dawid pɛ sɛ osi asɔrefie ma Yehowa, nanso Yehowa paw Dawid ba Solomon sɛ ɔno mmom na obesi. Dawid fii ase boaboaa nneɛma ano maa Solomon, na ɔkaa sɛ: ‘Yehowa asɔrefie de, ɛsɛ sɛ ɛyɛ kɛse paa. Solomon yɛ abofra, nanso mɛboa no. Mɛpɛ nneɛma agu hɔ ama no.’ Dawid de ne sika pii boae sɛ wɔmfa nsi asɔrefie no. Afei, ɔpɛɛ adwumayɛfo a wonim adansi adwuma yiye. Ɔsan boaboaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ano, na ɔmaa wɔde nkyeneduru nnua fii Sidon ne Tiro bae. Aka kakra ama Dawid awu no, ɔde asɔrefie no ho plan maa ne ba Solomon. Ɔkaa sɛ: ‘Yehowa na ama makyerɛw saa nneɛma yi ato hɔ ama wo. Yehowa bɛboa wo. Nsuro. Yɛ den na yɛ w’adwuma.’

Dawid ne abofra Solomon rebɔ asɔrefie plan no ho nkɔmmɔ

“Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye, na obiara a ɔka ne mmarato na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.”—Mmebusɛm 28:13

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla tanɩ yɛ Devidi yɛlɩ a? Mɩnla yɛ Devidi yɛlɩ va wʋwalɩ yɩ ɣa Sɔlɔmɔnʋ a?

2 Samʋwɛlɩ 5:3, 4, 10; 7:1-16; 8:1-14; 11:1–12:14; 1 Mmɩlɩzʋdwokɔ 22:1-19; 28:11-21; Ndwomi 51:1-19

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́