Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 56 owu. azʋ. 134-135
  • Nɩ Dwosaya Yɩ Anyɩ Deli Nyamɩnlɩ Yɩ Mmɛla Yɩ Nwʋ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Nɩ Dwosaya Yɩ Anyɩ Deli Nyamɩnlɩ Yɩ Mmɛla Yɩ Nwʋ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Dwosaya Inyianlɩ Ɔhɔnwʋmmɔ Baaba
    Fa Kilehile Wʋ Mma
  • Nnwuakula, Kɛ Bɛpɛ Kɛɛ Bɛ Ɛbɩlawɔlɛ Ɩyɛ Ise a?
    Ɔwɩɛnɩlɛ Aɣanɩ Ɩbɔ Gyehova Yɩ Bulombunlililɛ Nwʋ Ɛlawulo (Mɔɔ Yesuma)—2023
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 56 owu. azʋ. 134-135
Safan rekenkan nhoma mmobɔwee no akyerɛ Ɔhene Yosia

OZUMALƐDƖYƐ 56

Nɩ Dwosaya Yɩ Anyɩ Deli Nyamɩnlɩ Yɩ Mmɛla Yɩ Nwʋ

Bere a Yosia bɛyɛɛ Yuda hene no, na wadi mfe nwɔtwe. Saa bere no, na nkurɔfo no yi nkonyaa, na na wɔsom abosom nso. Yosia dii mfe 16 no, ɔyeree ne ho suaa ɔkwampa a yɛfa so som Yehowa. Odii mfe 20 no, ofii ase bubuu abosom ne afɔremuka a ɛwɔ asaase no so nyinaa. Afei Yosia dii mfe 26 no, ɔhwɛ ma wɔsiesiee Yehowa asɔrefie no.

Ɔsɔfo panyin Hilkia kohuu nhoma mmobɔwee bi a Yehowa Mmara wom wɔ asɔrefie hɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ nhoma mmobɔwee a Mose kyerɛwee no. Ɔhene kyerɛwfo Safan de nhoma mmobɔwee no brɛɛ Yosia, na Safan fii ase kenkan Mmara no den. Yosia retie no, ohuu sɛ nkurɔfo no ayɛ Yehowa so asoɔden mfe pii. Ɔhene Yosia ka kyerɛɛ Hilkia sɛ: ‘Yehowa bo afuw yɛn paa. Kɔ na wo ne Yehowa nkɔkasa, na ɔbɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.’ Yehowa faa odiyifobea Hulda so kaa sɛ: ‘Yudafo agyaw me hɔ. Mɛtwe wɔn aso, nanso ɛnyɛ ɔhene Yosia bere so efisɛ wabrɛ ne ho ase.’

Hilkia ahu nhoma mmobɔwee a Yehowa Mmara wom

Bere a Ɔhene Yosia tee asɛm no, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ, na ɔmaa Yudafo no nyinaa hyiae. Afei ɔkenkan Yehowa Mmara no kyerɛɛ ɔman no nyinaa. Yosia ne nkurɔfo no hyɛɛ Yehowa bɔ sɛ wɔfi wɔn koma nyinaa mu betie Yehowa.

Ná Yudafo no agyae Twam Afahyɛ no di mfe pii. Nanso, bere a Yosia huu wɔ Mmara no mu sɛ, afe biara ɛsɛ sɛ wɔdi Twam Afahyɛ no, ɔka kyerɛɛ ɔmanfo no sɛ: ‘Yebedi Twam ama Yehowa.’ Afei Yosia siesiee ne ho sɛ ɔbɛbɔ afɔre pii. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔnyaa nnwontofo wɔ asɔrefie hɔ. Ɔman no dii Twam Afahyɛ no. Wɔwiei no, wɔde nnanson dii Paanoo a Mmɔkaw Nnim Afahyɛ no. Twam Afahyɛ a ɛte saa de, efi Samuel bere so nyinaa na wɔnnii bi da. Ná Yosia ani gye Onyankopɔn Mmara ho paa. Wo nso, w’ani gye ho sɛ wubesua Yehowa ho ade?

“W’asɛm yɛ me nan ase kanea, ne me kwan so hann.”—Dwom 119:105

Ndwokɔɣizialɛ: Mmɩlɩ mɔ Bulombunli Dwosaya dɩlɩ Nyamɩnlɩ yɩ mmɛla yi nu ndwokɔ nɩ, mɩnla yɛ ɩyɛlɩ a? Kɛ Gyehova dɩlɩ nɣanlɩ wɔ Dwosaya nwʋ zeli a?

2 Awulombunli 21:26; 22:1–23:30; 2 Mmɩlɩzʋdwokɔ 34:1–35:25

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́