Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 61 owu. azʋ. 146-147
  • Bɛákʋtʋ Aboduwaba Nɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Bɛákʋtʋ Aboduwaba Nɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Bulombunli Manlɩ Be Mɔɔ Ikedimi Daabaa
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ɔfʋã 10 Yɩ Anyunumiyɩlɛ
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Asʋ̃ Ezi a?
    Ɔwɩɛnɩlɛ Aɣanɩ Ɩbɔ Gyehova Yɩ Bulombunlililɛ Nwʋ Ɛlawulo (Mɔɔ Yesuma)—2023
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 61 owu. azʋ. 146-147
Sadrak, Mesak, ne Abednego ankotow sika honi no

OZUMALƐDƖYƐ 61

Bɛákʋtʋ Aboduwaba Nɩ

Bere a Ɔhene Nebukadnesar soo ohoni ho dae no, akyiri yi ɔde sika kɔkɔɔ yɛɛ ohoni kɛse bi. Ɔde sii baabi a yɛfrɛ hɔ Dura, na ɔfrɛfrɛɛ nnipa atitiriw a wɔwɔ n’ahemman mu sɛ wɔmmehyia wɔ ohoni no anim. Ná Sadrak, Mesak, ne Abednego ka ho. Ɔhene no hyɛɛ mmara sɛ: ‘Sɛ mote abɛn, sanku, ne atɛntɛbɛn nnyigyei pɛ a, monkotow ohoni no! Obiara a wankotow no, yɛbɛtow no ato fononoo a ogya redɛw wom no mu.’ Enti wohwɛ a, na Hebrifo mmerante mmiɛnsa no bɛkotow ohoni no anaa? Anaasɛ wɔbɛsom Yehowa nko ara?

Afei ɔhene no ma wɔbɔɔ nnwom no, na obiara kotow ohoni no. Nanso Sadrak, Mesak, ne Abednego de, wɔanyɛ saa. Mmarima bi huu wɔn, na wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Saa Hebrifo mmerante mmiɛnsa no ansom wo honi no.’ Nebukadnesar soma ma wɔkɔfrɛɛ wɔn bae. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mɛma wɔasan abɔ abɛn no ama mo, na moasom ohoni no. Sɛ moankotow a, mɛtow mo agu fononoo no mu. Onyame biara nni hɔ a obetumi agye mo afi me nsam.’ Wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Ɛho nhia sɛ woma yɛn kwan bio. Yɛn Nyankopɔn betumi agye yɛn. Sɛ wannye yɛn mpo a, O ɔhene, hu sɛ yɛrensom ohoni no.’

Nebukadnesar bo fuwii paa. Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no sɛ: ‘Momma ogya a ɛwɔ fononoo no mu nnɔ mpɛn nson nkyɛn sɛnea daa ɛdɔ no!’ Afei ɔka kyerɛɛ n’asogyafo no sɛ: ‘Monkyekyere mmarima yi, na montow wɔn ngu mu!’ Ná fononoo no ayɛ hyew araa ma bere a asogyafo no bɛn ho no, wɔwui amonom hɔ ara. Hebrifo mmerante mmiɛnsa no de, wɔde wɔn guu ogya no mu. Bere a Nebukadnesar hwɛɛ fononoo no mu no, ohuu sɛ mmarima nnan na wɔnenam fononoo no mu, na ɛnyɛ mmiɛnsa. Ehu kaa no, na obisaa ne mmarima no sɛ: ‘Ɛnyɛ mmarima mmiɛnsa na yɛde wɔn guu ogya no mu? Mihu nnipa nnan, na baako te sɛ ɔbɔfo!’

Nebukadnesar twe bɛn fononoo no, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa, mumfi mmra!’ Bere a nkurɔfo huu Sadrak, Mesak, ne Abednego sɛ wɔrepue afi fononoo no mu a biribiara anyɛ wɔn no, wɔn ho dwiriw wɔn paa. Ogya no anhyew wɔn honam, anhyew wɔn ti nwi ne wɔn ntaade. Na wusiw ammɔn wɔn ho mpo.

Nebukadnesar kaa sɛ: ‘Sadrak, Mesak, ne Abednego Nyankopɔn no yɛ kɛse. Wasoma ne bɔfo ama wabegye wɔn. Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wɔn Nyame no.’

Sɛnea Hebrifo mmerante mmiɛnsa no yɛe no, wo nso, woasi wo bo sɛ nea ebesi biara wubedi Yehowa nokware anaa?

Ɔhene Nebukadnesar ho adwiriw no sɛ Sadrak, Mesak, ne Abednego refi ogya mu aba a hwee nyɛɛ wɔn

“Yehowa wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no, na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.”—Mateo 4:10

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla yɛ Hyadɩlakɩ, Mɛhyakɩ nɩɩ Abɛdinego hanlɩ kɛɛ bɛlɛ́yɛ a? Mɩnla ɔhʋanɩ zʋ yɛ Gyehova leli bɛ a?

Danɩyɛlɩ 3:1-30

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́