Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 62 owu. azʋ. 148-149
  • Bulombunlililɛ Be Mɔɔ Ɩdɩ Kɛɛ Owudo Kezile Be

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Bulombunlililɛ Be Mɔɔ Ɩdɩ Kɛɛ Owudo Kezile Be
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • Bulombunli Manlɩ Be Mɔɔ Ikedimi Daabaa
    Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 62 owu. azʋ. 148-149
Wɔatwa dua a Ɔhene Nebukadnesar huu wɔ dae mu no

OZUMALƐDƖYƐ 62

Bulombunlililɛ Be Mɔɔ Ɩdɩ Kɛɛ Owudo Kezile Be

Anadwo bi, Nebukadnesar soo dae huhuuhu bi. Ɔfrɛɛ n’anyansafo sɛ wɔmmɛkyerɛ ne dae no ase. Nanso, wɔn mu biara antumi ankyerɛ no ase. Awiei koraa no, ɔhene no ne Daniel kasae.

Nebukadnesar ka kyerɛɛ Daniel sɛ: ‘Mesoo dae, na mihuu dua bi. Enyin yɛɛ tenteenten koduu soro. Sɛ obi gyina asaase so baabiara a obetumi ahu saa dua no. Ná dua no nhaban yɛ fɛ, na na asow aba pii nso. Mmoa pii tenaa dua no nwini ase, na nnomaa nso yɛɛ wɔn mmerebuw wɔ dua no nkorabata so. Afei ɔbɔfo bi fi soro baa asaase so. Ɔteɛɛm sɛ: “Muntwa dua no nto fam, muntwitwa ne nkorabata. Nanso munnyaw ne dunsin ne ne ntini no wɔ asaase mu, na momfa dade ne kɔbere nkyekyere. Ma ne koma nsesa na anyɛ onipa de bio, na wɔmma no aboa koma, na mmere ason ntwam. Na ama nnipa nyinaa ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.”’

Yehowa maa Daniel huu nea dae no kyerɛ. Bere a Daniel tee dae no ase no, ehu kaa no. Daniel kaa sɛ: ‘O ɔhene, minyae a anka dae yi fa w’atamfo ho, nanso ɛfa wo ho. Dua kɛse a wɔtwae no yɛ wo. W’ahenni befi wo nsa, na wobɛwe sare wɔ wuram te sɛ aboa. Nanso, esiane sɛ ɔbɔfo no kaa sɛ wɔnnyaw dua no dunsin ne ne ntini wɔ asaase mu nti, wobɛsan ayɛ ɔhene bio.’

Afe baako akyi, na Nebukadnesar nam n’ahemfie dan atifi rehwɛ Babilon. Ɔhene no kaa sɛ: ‘Hwɛ kurow fɛfɛɛfɛ a makyekye. Meyɛ onipa kɛse paa!’ Bere a ɔrekasa no, ɛnne bi fi soro kaa sɛ: ‘Nebukadnesar! Afei de, w’ahenni afi wo nsa.’

Saa bere no ara, Nebukadnesar bɔɔ dam, na ɔbɛyɛɛ sɛ wuram aboa. Wɔpam no fii n’ahemfie, na ɔne mmoa kɔtenaa wuram. Nebukadnesar ti nwi fuw yɛɛ tenteenten te sɛ ɔkɔre ntakra, na ne mmɔwerɛw yɛɛ sɛ nnomaa de.

Mfe nson twaam no, Nebukadnesar adwene san yɛɛ adwuma bio, na Yehowa ma odii Babilon so hene. Afei Nebukadnesar kaa sɛ: ‘Miyi Yehowa ɔsorosoro Hene no ayɛ. Afei na mahu sɛ Yehowa na ɔyɛ Otumfoɔ. Nnipa a wɔyɛ ahantan no, ɔbrɛ wɔn ase, na obiara a ɔpɛ no obetumi ama wadi hene.’

“Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di ahwease anim.”—Mmebusɛm 16:18

Ndwokɔɣizialɛ: Nebukadineza yɩ ɛlalɩyɛ nɩ, nɩ kɛ yɩ tʋ kile a? Mɩnla ozumalɛdɩyɛ yɛ Nebukadineza hanlɩ kɛɛ inyia a?

Danɩyɛlɩ 4:1-37

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́