Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 67 owu. azʋ. 158-159
  • Gyelusalamɩ Banɩ Yɩ

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Gyelusalamɩ Banɩ Yɩ
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 67 owu. azʋ. 158-159
Wɔresan ato Yerusalem afasu no; Nehemia de ho akwankyerɛ rema; ɔrekyerɛ awɛmfo no baabi a wɔbegyinagyina

OZUMALƐDƖYƐ 67

Gyelusalamɩ Banɩ Yɩ

Momma yɛnkɔ yɛn akyi kakra nkɔhwɛ nea ɛyɛe a wɔsii Yerusalem afasu no. Nehemia yɛ Israelni, na na ɔyɛ Ɔhene Artasasta somfo. Ná ɔte Persiafo kurow Susan mu. Nehemia nuabarima fii Yuda bɛkaa awerɛhosɛm bi kyerɛɛ no. Ɔbɛkaa sɛ: ‘Nkurɔfo a wɔsan baa Yerusalem no, wɔnni ahobammɔ. Kurow no afasu ne apon a Babilonfo bubui no, besi nnɛ obiara nsii.’ Asɛm no haw Nehemia. Ná Nehemia pɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kɔboa. Enti ɔbɔɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a ɔhene no bɛma no akɔ.

Akyiri yi, ɔhene no huu sɛ Nehemia anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Ɔhene no bisaa no sɛ: ‘Minhuu wo sei da. Ɛyɛ asɛm bɛn?’ Nehemia kaa sɛ: ‘Me kurom Yerusalem asɛe, adɛn nti na m’anim renyɛ mmɔbɔmmɔbɔ?’ Ɔhene no bisaa no sɛ: ‘Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?’ Ntɛm ara na Nehemia bɔɔ mpae wɔ ne tirim. Afei ɔkaa sɛ: ‘Mesrɛ wo, ma menkɔ Yerusalem nsan nkosi afasu no.’ Ɔhene Artasasta ka kyerɛɛ Nehemia sɛ obetumi akɔ. Ɔhene no yɛɛ nhyehyɛe maa no, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atwa kwantenten no akodu asomdwoe mu. Afei, ɔmaa Nehemia yɛɛ Yuda man no so amrado. Ɔmaa no nnua a ɔde bɛyɛ kurow no apon nso.

Bere a Nehemia duu Yerusalem no, ɔkɔhwɛɛ kurow no afasu no. Afei ɔboaboaa asɔfo ne mpanyimfo no ano, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Yɛn asɛm ayɛ mmɔbɔ. Ɛsɛ sɛ yesiesie ha.’ Nkurɔfo no penee so, na wɔfii ase sɛ wɔresan asi afasu no.

Nanso, Israelfo no atamfo binom serew wɔn. Wɔkaa sɛ: ‘Wuram kraman mpo betumi abubu ɔfasu a moresi yi.’ Adwumayɛfo no amma nsɛm a wɔn atamfo kae no ammu wɔn abam. Wɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no. Ɔfasu no kɔɔ soro, na ɛyɛɛ den.

Atamfo no yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛfa akwan horow so aba Yerusalemfo no so prɛko pɛ. Bere a Yudafo no tee nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, wɔn koma tui. Nanso Nehemia kaa sɛ: ‘Munnsuro, Yehowa ka yɛn ho.’ Ɔmaa awɛmfo bɔɔ adwumayɛfo no ho ban. Enti atamfo no antumi ammɛto anhyɛ wɔn so.

Nna 52 pɛ no, wɔtoo afasu no wiei, na wɔsisii apon no nso. Nehemia de Lewifo no nyinaa baa Yerusalem sɛ wɔrebehyira afasu no so. Ɔhyehyɛɛ wɔn yɛɛ wɔn nnwontofo akuw mmienu. Wɔforoo stɛps a ɛwɔ Nsuaniwa Pon no ho kɔɔ ɔfasu no atifi. Nnwontofo kuw no baako de wɔn ani kyerɛɛ nifa, baako nso de wɔn ani kyerɛɛ benkum. Wɔnantew faa kurow no ho hyiae. Wɔhyɛn ntorobɛnto, wɔbɔɔ nnawuru, ne asanku de too nnwom maa Yehowa. Esra ne nnwontofo kuw baako kɔe, na Nehemia nso ne baako kɔe. Wɔnantewee ara kosii sɛ wɔhyiae wɔ asɔrefie hɔ. Nnipa a wɔwɔ Yerusalem no nyinaa bɔɔ afɔre maa Yehowa, na wɔgyee wɔn ani. Mmarima, mmea, ne mmofra nyinaa gyee wɔn ani. Nnipa a wɔwɔ akyirikyiri no mpo tee nnwom a na wɔde anigye reto no.

“Akode biara a wɔbɛyɛ de aba wo so no renyɛ yiye.”—Yesaia 54:17

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ti mɔɔ Nehɛmaya hɔlɩ Gyelusalamɩ a? Mmɩlɩ dʋdʋ ana yɛ ilili ansaana besiaa bekegyina Gyelusalamɩ banɩ yɩ a?

Nehɛmaya 1:1-11; 2:1-20; 4:1-23; 5:14; 6:1-19; 12:27-43

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́