Watchtower INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Watchtower
INTANƐTƖ ZƲ AWUUKUZIYELƐDƖKA
Aɣɩnda
  • BAYƖBƲLƲ
  • AWUUKU NƖƖ NNINYENI MVƲLƆ
  • DƖYƐZUMANLƐ
  • lfb ozumalɛdɩyɛ 97 owu. azʋ. 226-227
  • Kɔnɛlɩyɔsɩ Nyianlɩ Sunzuma Nwanzanwanza

Vidiyo bela íni ɔfʋã ɛkɩhyɩ.

Yɛpakyɛbɛ wʋ, dɩyɛ be ɩákɔ bʋwɔ wɔ vidiyo mɔɔ ɔtwɩ̃ɩ̃ yɩ nu.

  • Kɔnɛlɩyɔsɩ Nyianlɩ Sunzuma Nwanzanwanza
  • Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
  • Ndwokɔ mɔɔ ɩ nɩɩ yɩ di nsɛ́
  • “Nyamɩnlɩ Ɩába Mmenii Nu”
    ‘Di Nyamɩnlɩ Bulombunlililɛ Yɩ Nwʋ Dasɩlɛ Bɔkɔbɔkɔ’
  • Dɩkɛɛ Pita Nɩ, Áma Wʋ Padi Kolɔ
    Ɔwɩɛnɩlɛ Aɣanɩ Ɩbɔ Gyehova Yɩ Bulombunlililɛ Nwʋ Ɛlawulo (Mɔɔ Yesuma)—2023
Suma Debe Wɔ Bayɩbʋlʋ Yi Nu
lfb ozumalɛdɩyɛ 97 owu. azʋ. 226-227
Kornelio rema Petro akwaaba aba ne fie

OZUMALƐDƖYƐ 97

Kɔnɛlɩyɔsɩ Nyianlɩ Sunzuma Nwanzanwanza

Ná Roma sogyani panyin bi wɔ Kaesarea a nkurɔfo bu no paa. Yɛfrɛ no Kornelio. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ Yudani, nanso na Yudafo no bu no paa. Ná oyi ne yam boa ahiafo ne wɔn a wɔyɛ mmɔbɔ. Ná Kornelio gye Yehowa di, na na ɔtaa bɔ mpae. Da koro bi, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Kornelio, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Onyankopɔn atie wo mpaebɔ. Petro te Yopa, enti soma nkurɔfo seesei ara ma wɔnkɔfrɛ no mmrɛ wo.’ Ntɛm ara, Kornelio somaa mmarima mmiɛnsa kɔɔ Yopa. Ná Yopa wɔ Kaesarea anaafo, na efi hɔ rekɔ Kaesarea yɛ bɛyɛ akwansin 30 (bɛyɛ kilomita 48).

Sɛɛ na Petro nso anya anisoadehu wɔ Yopa. Ohuu mmoa bi a na Yudafo nni hokwan sɛ wɔdi, na ɛnne bi ka kyerɛɛ no sɛ, ɛsɛ sɛ odi. Nanso Petro ampene so, na ɔkaa sɛ: ‘Me de, efi bere a yɛwoo me, minnii aboa a ne ho ntew da.’ Ɛnne no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mfrɛ mmoa yi sɛ wɔn ho ntew. Onyankopɔn atew wɔn ho.’ Ɛnne no san ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Mmarima mmiɛnsa gyina wo pon ano. Wo ne wɔn nkɔ.’ Petro kɔɔ pon no ano, na obisaa mmarima no nea enti a wɔaba hɔ. Wɔbuaa no sɛ: ‘Roma sogyani panyin Kornelio na asoma yɛn. Ɔse bra ne fie wɔ Kaesarea.’ Petro ka kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔnna ne nkyɛn ma ade nkye. Ade kyee no, ɔfaa anuanom a wɔwɔ Yopa no bi kaa ɔne mmarima no ho ma wɔkɔɔ Kaesarea.

Bere a afei de Kornelio huu Petro no, obuu nkotodwe wɔ n’anim. Nanso Petro ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɔre! Meyɛ onipa te sɛ wo ara. Ɛwom sɛ na Yudafo nkɔ Amanaman mufo fie de, nanso Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ memmra wo fie. Afei mesrɛ wo, nea enti a woma yɛbɛfrɛɛ me no, ka kyerɛ me.’

Kornelio ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Nna nnan a atwam no, na merebɔ Onyankopɔn mpae, na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ me sɛ mensoma ma yɛmmɛfrɛ wo. Mesrɛ wo, fa Yehowa asɛm kyerɛkyerɛ yɛn.’ Petro kaa sɛ: ‘Mahu sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom no no, ogye no tom.’ Petro kyerɛkyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm pii. Ɛnna honhom kronkron baa Kornelio ne wɔn a wɔka ne ho no so, na wɔn nyinaa bɔɔ asu.

“Ɔman biara mu no, onipa a osuro [Onyankopɔn] na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:35

Ndwokɔɣizialɛ: Mɩnla ti mɔɔ Pita bʋlɩ kɛɛ ikeli nnamɩ mɔɔ bɔ nwʋ ɩádɩ a? Mɩnla ti mɔɔ Gyehova hanlɩ hileli yi kɛ ɩhɔ́ amanlɩ amanlɩ nu enii yɩ awudo a?

Egyima 10:1-48

    Ahanta Buuku (2015-2025)
    Numá Yɩ
    Kɔ́ Numɔ
    • Aɣɩnda
    • Kyɛ́
    • Yɛ́ nzɩnzanlɩyɛ mɔɔ ɛpɛ yɩ wɔ ɛkɩhyɩ
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Mmɛla Mɔɔ Ɩwɔ Nwʋmɔ
    • Nwʋmɔ Nhyɩhyɛlɩyɛ
    • Nwʋmɔ Nninyeni
    • JW.ORG
    • Kɔ́ Numɔ
    Kyɛ́