OZUMALƐDƖYƐ 98
Kilisinyianɩzʋ̃mɩnlɛ Dɛlɛlɩ Hɔlɩ Amanlɩ Sʋ̃maa Zʋ
Asomafo no tiee Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnkɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Afe 47 Y.B. no, anuanom a wɔwɔ Antiokia no somaa Paul ne Barnaba sɛ wɔnkɔ mmeae mmeae nkɔka asɛmpa no. Ná nnipa mmienu yi mfa asɛmpaka adwuma no nni agorɔ. Wɔtutuu akwan kɔɔ Asia Kumaa kɔkaa asɛmpa no. Wɔkɔɔ mmeae bi te sɛ Derbe, Listra, ne Ikoniom.
Paul ne Barnaba kaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara; asikafo, ahiafo, mmofra ne mpanyimfo nyinaa. Nnipa bebree gyee Kristo ho nokwasɛm no dii. Bere a Paul ne Barnaba reka asɛmpa no akyerɛ Sergio Paulos a ɔhwɛ Kipro kurow so no, osumanni bi yɛɛ sɛ ɔbɛma wɔagyae. Nanso ɔsomafo Paul ka kyerɛɛ osumanni no sɛ: ‘Yehowa ne wo bedi.’ Ɛhɔ ara, osumanni no ani furae. Bere a Sergio Paulos a ɔyɛ amrado no huu nea asi no, ɔbɛyɛɛ gyidini.
Paul ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ baabiara; wɔ afie afie, gua so, mmɔnten, ne hyiadan mu. Wɔsaa ɔbarima bi a wabubu agu fam yare wɔ Listra. Nnipa a wɔhuu saa anwanwade no, wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ Paul ne Barnaba yɛ anyame, enti wɔyɛɛ sɛ wɔresom wɔn. Nanso Paul ne Barnaba ma wɔgyaee, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monsom Onyankopɔn nko ara! Yɛn de, yɛyɛ nnipa kɛkɛ.’ Ɛnna Yudafo bi bɛsesaa nkurɔfo no adwene ma wɔsɔre tiaa Paul. Nkurɔfo no siw no abo, na wɔtwee no kɔɔ kurow no akyi kogyaw no hɔ sɛ onwu. Nanso, Paul anwu! Ntɛm ara na anuanom no bɛfaa no kɔɔ kurow no mu bio. Akyiri yi, Paul san kɔɔ Antiokia.
Afe 49 Y.B. no, Paul san kɔɔ mmeae mmeae kɔkaa asɛmpa no. Ɔsan kɔɔ anuanom a wɔwɔ Asia Kumaa no nkyɛn. Afei, ɔtoaa so kɔɔ Europe nohoa kɔkaa asɛmpa no. Ɔkɔɔ Atene, Efeso, Filipi, Tesalonika ne mmeae foforo nso. Silas, Luka, ne aberantewa Timoteo kaa Paul ho ne no tutuu akwan. Wɔboom tetew nsafo ahorow, na wɔboa maa nsafo no yɛɛ den. Paul tenaa Korinto afe baako ne bosome nsia, na ɔhyɛɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no den. Ɔkaa asɛmpa no, ɔkyerɛkyerɛe, na ɔkyerɛw nkrataa kɔmaa nsafo pii. Ná ɔsan nso yɛ adwuma bi; na ɔyɛ ntamadan. Akyiri yi, Paul san kɔɔ Antiokia.
Eduu afe 52 Y.B. no, Paul san tutuu akwan kɔkaa asɛmpa no nea ɛtɔ so mmiɛnsa. Ɔhyɛɛ ase fii Asia Kumaa. Ɔkɔɔ Filipi atifi fam nohoa, na ɔsan de n’ani kyerɛɛ anaafo kɔɔ Korinto. Paul de mfe pii kyerɛkyerɛe wɔ Efeso, ɔsaa nkurɔfo yare, na ɔboaa asafo no nso. Afei nso, na ɔma ɔkasa wɔ baguam da biara wɔ sukuu adan akɛse mu. Nnipa pii tiei, na wɔsakraa wɔn abrabɔ. Bere a Paul kyinkyin aman ahorow so kaa asɛmpa no wiei no, ɔkɔɔ Yerusalem.
“Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—Mateo 28:19