Ɔfʋã 1 Yɩ Anyunumiyɩlɛ
Sɛ yɛhwɛ ɔsoro ne asaase so a, yehu nneɛma a ɛyɛ fɛ pii a Yehowa abɔ. Wubue Bible mu a, nsɛm a edi kan no kyerɛ sɛnea Yehowa bɔɔ saa nneɛma yi. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu sɛ abɔde gu ahorow, na ɛyɛ nwanwa. Kyerɛ no sɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɛma yetumi yɛ nneɛma pii a mmoa ntumi nyɛ. Nnipa tumi kasa, yedwen, yɛde yɛn adwene yɛ nneɛma, yɛto nnwom na yetumi bɔ mpae. Boa wo ba no ma onhu sɛ Yehowa wɔ tumi, ɔwɔ nyansa na n’ani gye nneɛma a wabɔ no ho paa. Afei nso ɔpɛ yɛn mu biara asɛm.