Ɔfʋã 4 Yɩ Anyunumiyɩlɛ
Yɛbɛka Yosef, Hiob, Mose ne Israelfo ho asɛm wɔ ɔfã yi mu. Wɔn nyinaa, Ɔbonsam ma wɔhuu amane. Nkurɔfo yɛɛ wɔn mu bi bɔne, wɔde ebinom too afiase, wɔyɛɛ ebinom nkoa, na afoforo nso wuwui. Nanso Yehowa faa akwan pii so bɔɔ wɔn ho ban. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu sɛ saa nnipa yi huu amane bebree, nanso wɔannyae Yehowa som.
Yehowa de Ɔhaw Du baa Egyptfo no so. Ɛno maa nkurɔfo huu sɛ ɔwɔ ahoɔden sen Egyptfo anyame nyinaa. Ma wo ba no nhu sɛnea Yehowa bɔɔ ne nkurɔfo ho ban tete no ne sɛnea ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban nnɛ.