BUE 3 • ASOMAFOƐ NE NNWUMAA 10:1–12:25
‘Amanaman Mufo Gyee Onyankopɔn Asɛm No’
ASOMAFOƐ NE NNWUMAA 11:1
Yudafo a na wɔdi Yesu akyi no, na wɔbeyi wɔn yam aka asɛmpa no bi akyerɛ Amanaman mufo a wɔntwaa twetia no anaa? Saa ɔfã yi mu no, yebehu sɛnea Yehowa buee Kristofo no komam ma wɔboaa obiara a wɔanyɛ nyiyim. Yebehu sɛnea wei ma wɔtumi dii amanaman nyinaa adanse.