Yebo Berɛ Dwirɛ
c Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ na mmarima no ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛyɛ Nasirifo. (Num. 6:1-21) Ɛwom, Mose Mmara a na ɛma obi hyɛ saa bɔ no, na atwam. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ Paul nyaa adwene sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ mmarima no bedi ɛbɔ a wɔahyɛ Yehowa no so. Enti sɛ ɔne wɔn kɔ na otua wɔn ho ka a, na ɛnyɛ mfomso. Yennim ɛbɔ pɔtee a mmarima no hyɛe de, nanso na Nasirifo de mmoa bɔ afɔre de pata ma wɔn bɔne. Ɛno nso de, na Paul rensosɔ so, efisɛ na onim sɛ saa afɔre no rentumi mpopa mmarima no bɔne. Kristo afɔre a edi mu no nti, sɛ obi bɔ afɔre a ɛtete saa no mu biara a, na ɛrentumi mpata mma ne bɔne. Yennim nea Paul yɛe ankasa de, nanso yebetumi anya ahotoso sɛ na ɔrenyɛ biribiara a ɛbɛsɛe n’ahonim.