Yebo Berɛ Dwirɛ
e Wɔ afe 49 Y.B. mu, asomafo no ne mpanyimfo no hyiaam susuw ho sɛ ebia ɛsɛ sɛ Amanaman mufo di Mose Mmara no so anaa ɛnsɛ sɛ wɔdi so. Wɔkaa Kristofo a na wɔwɔ hɔ no binom ho asɛm sɛ wɔn a “wɔka Farisifo fekuw no ho a na wɔabɛyɛ gyidifo.” (Aso. 15:5) Ɛda adi sɛ ɔkwan bi so no, na wɔda so ara frɛ gyidifo a na wɔfi Farisifo mu no Farisifo.