Hiob
25 Ɛnna Bildad+ a ɔfiri Suha no buaa sɛ:
2 “Ɔno na tumidie wɔ no, na ne ho yɛ hu;+
Ɔma asomdwoeɛ ba ɔsorosoro hɔ.
3 Obi bɛtumi akan n’asafodɔm anaa?
Na hwan na ne hann nhyerɛn ne soɔ?
4 Enti ɛbɛyɛ dɛn na onipa dasani bɛdi bem Onyankopɔn anim?+
Na ɛbɛyɛ dɛn na onipa a ɔbaa awo no ho bɛteɛ?+
5 Hwɛ! Bosome mpo, ɛnhyerɛn;
Na nsoromma nso, ɛho nte n’ani so.