27 Ɛnna Hiob san toaa n’akasabebuo+ no so sɛ:
2 “Sɛ́ Onyankopɔn a wagye me bemdie afiri me nsam+ no te aseɛ,+
Na adeɛ nyinaa so Tumfoɔ a ɔne me kra adi no nwononwono+ no te aseɛ yi,
3 Berɛ dodoɔ a m’ahome da so wɔ me mu,
Na Onyankopɔn honhom wɔ me hwene mu yi,+
4 M’ano renka amumuyɔsɛm biara,
Na me kɛtrɛma nso renka nnaadaasɛm biara!
5 Ɛmpare me sɛ mɛbu mo bem!+
Ɛnkɔsi sɛ mɛgyaa mu no, merennyaa me mũdie mu da!+
6 Mɛkura me tenenee mu dendeenden, na merennyaa mu;+
M’akoma rensopa me, me nkwa nna bi ho.+
7 Ma me tamfo nyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ,+ akwan nyinaa mu,
Na deɛ ɔsɔre tia me no nyɛ omumuyɔfoɔ.
8 Ɔwaefoɔ, sɛ Onyankopɔn twa no firi hɔ a, n’anidasoɔ ne sɛn,+
Sɛ ɔgye ne kra firi ne nsam a, n’anidasoɔ ne sɛn?+
9 Sɛ ahohia ba ne so a,
Onyankopɔn bɛtie ne sufrɛ?+
10 Anaasɛ ɔbɛnya anigyeɛ wɔ adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no ho?
Ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa?
11 Menam Onyankopɔn nsa so bɛkyerɛkyerɛ mo;
Meremfa adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no akwan nsie.+
12 Hwɛ! Mo na moanya anisoadehunu;
Ɛnneɛ adɛn nti na modi ahuhusɛm yi?+
13 Yei ne ɔdebɔneyɛfoɔ kyɛfa a ɛfiri Onyankopɔn hɔ;+
Na atirimuɔdenfoɔ nsa bɛka wɔn agyapadeɛ afiri adeɛ nyinaa so Tumfoɔ no hɔ.
14 Sɛ ne mma dɔɔso mpo a, wɔwɔ hɔ ma nkrantɛ;+
Na n’asefoɔ rennya aduane a ɛbɛso wɔn.
15 Ne ho nnipa a wɔbɛka no, owuyareɛ mu na wɔbɛsie wɔn,
Na wɔn akunafoɔ rensu.+
16 Sɛ ɔboaboa dwetɛ ano sɛ mfuturo,
Na ɔsiesie n’atadeɛ sɛ dɔteɛ mpo a,
17 Ɔbɛsiesie deɛ, nanso ɔteneneeni na ɔbɛhyɛ,+
Na dwetɛ no, deɛ ne ho nni asɛm na ɔbɛdie.
18 Wasi ne fie sɛ abubummabaa,
Na ɛte sɛ ɔsese+ a ɔwɛmfoɔ abɔ.
19 Ɔrekɔda no na ɔyɛ ɔdefoɔ, nanso ɔremmoaboa hwee ano;
Ɔbue n’ani, nanso hwee nni hɔ.+
20 Mpofirem ahudeɛ bɛfa no sɛ nsuo;+
Ahum bɛwia no akɔ anadwo.
21 Apueeɛ mframa bɛsoa no akɔ,+ na ɔbɛfiri hɔ;
Ɛbɛtutu n’ase afiri ne tenabea.+
22 Ɛbɛbɔ aba ne so, na ɛrenhu no mmɔbɔ;+
Na dwane ara na ɔbɛdwane afiri n’ahoɔden ho.+
23 Obi bɛbɔ ne nsam agu ne so+
Na wabɔ hwerɛma+ agu ne so wɔ ne tenabea hɔ.