Dwom 114 Berɛ a Israel firii Egypt,+Na Yakob fie firii ɔman a wɔnte wɔn kasa mu kɔeɛ+ no, 2 Yuda bɛyɛɛ ne kronkronbea,+Na Israel nso bɛyɛɛ ne tumidibea.+ 3 Ɛpo hunuiɛ, na ɛdwaneeɛ;+Na Yordan deɛ, ɛsan n’akyi.+ 4 Mmepɔ hurihurii sɛ adwennini,+Na nkokoɔ nso hurihurii sɛ nnwammaa. 5 Ɛpo, ɛdeɛn na wohunuiɛ a enti wodwaneeɛ?+Yordan, ɛdeɛn na wohunuiɛ a enti wosan w’akyi?+ 6 Mmepɔ, ɛdeɛn na mohunuiɛ a enti mohurihurii sɛ adwennini?+Nkokoɔ, ɛdeɛn na mohunuiɛ a enti mohurihurii sɛ nnwammaa?+ 7 O asase, Awurade nti, ma wo ho mpopo,+Yakob Nyankopɔn nti, 8 Ɔno a ɔmaa botan danee tadeɛ,+Na ɔmaa twerɛboɔ nso danee asutire+ no.