Ɔsoro-forɔ Dwom. Dawid dwom.
122 Medii ahurisie berɛ a wɔka kyerɛɛ me sɛ:+
“Ma yɛnkɔ+ Yehowa fie”+ no.
2 Yɛn nan bɛgyinaa+
W’apono mu, O Yerusalem.+
3 Wɔakyekyere Yerusalem sɛ kuro+ a
Ɛbom baako;+
4 Ɛhɔ na mmusuakuo no foro korɔ,+
Yah mmusuakuo no,+
Sɛ́ ɛnyɛ nkaesɛm mma Israel+
Na wɔde aseda ama Yehowa din.+
5 Ɛhɔ na atemmuo nhennwa sisie,+
Dawid fie nhennwa no.+
6 Monhwehwɛ asomdwoeɛ mma Yerusalem kuro.+
O kuro, wɔn a wɔdɔ woɔ no asom bɛdwo wɔn.+
7 Asomdwoeɛ ntena w’afasuo mu,+
Na w’aban mu nnwo.+
8 Me nuanom ne me nnamfo nti, afei mɛkasa:+
“Asomdwoeɛ ntena wo mu.”+
9 Yehowa, yɛn Nyankopɔn fie nti,+
Papa nko ara na mɛhwehwɛ ama woɔ.+