135 Monyi Yah ayɛ!+
Monyi Yehowa din ayɛ,+
Yehowa nkoa, monyi no ayɛ,+
2 Mo a mogyina Yehowa fie,+
Yɛn Nyankopɔn fie adihɔ no.+
3 Monyi Yah ayɛ, ɛfiri sɛ Yehowa yɛ.+
Monto dwom mma ne din, na ɛyɛ dɛ.+
4 Yah ayi Yakob afa,+
Na ɔde Israel ayɛ n’agyapadeɛ titire.+
5 Me deɛ, menim sɛ Yehowa yɛ kɛseɛ,+
Na yɛn Awurade kyɛn anyame nyinaa.+
6 Deɛ ɛsɔ Yehowa ani biara, wayɛ+
Wɔ ɔsoro ne asase so, ɛpo ne subunu nyinaa mu.+
7 Ɔma suwisie firi asase ano nohoa kɔ soro;+
Wayiyi akwan ama osuo;+
Ɔma mframa bɔ firi n’asan mu,+
8 Ɔno na ɔkunkum Egypt mmakan,+
Nnipa ne mmoa nyinaa.+
9 Ɔsomaa sɛnkyerɛnne ne anwanwadeɛ baa wo mu, O Egypt;+
Ɛbaa Farao ne ne nkoa nyinaa so;+
10 Ɔno na ɔbobɔɔ aman bebree+
Na ɔkunkum ahemfo a wɔyɛ den,+
11 Te sɛ Amorifoɔ hene Sihon+
Ne Basan hene Og;+
Ɛne Kanaan ahennie nyinaa;+
12 Ɔde wɔn asase maa sɛ agyapadeɛ,+
Na ɔde yɛɛ ne man Israel agyapadeɛ.+
13 O Yehowa, wo din wɔ hɔ kɔsi daa.+
O Yehowa, wo nkaeɛ wɔ hɔ firi awoɔ ntoatoasoɔ so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so.+
14 Yehowa bɛdi ne nkurɔfoɔ asɛm ama wɔn,+
Na ɔbɛhunu ne nkoa mmɔbɔ.+
15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+
Ɔdasani nsa ano adwuma.+
16 Wɔwɔ ano, nanso wɔnkasa;+
Wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu hwee;+
17 Wɔwɔ asõ, nanso wɔnte hwee.+
Home biara nso nni wɔn anom.+
18 Wɔn a wɔyɛ wɔn no bɛyɛ sɛ wɔn ara,+
Obiara a ɔde ne ho to wɔn soɔ no.+
19 O Israel fie, monhyira Yehowa.+
O Aaron fie, monhyira Yehowa.+
20 O Lewi fie, monhyira Yehowa.+
Mo a mosuro Yehowa nyinaa, monhyira Yehowa.+
21 Nhyira nka Yehowa wɔ Sion;+
Deɛ ɔte Yerusalem no.+
Monyi Yah ayɛ!+