Dawid mpaebɔ.
17 O Yehowa, tie me tenenee adesrɛ; wɛn w’aso ma me sufrɛ;+
Yɛ aso ma me mpaebɔ a ɛfiri ano a nnaadaasɛm nnim mu no.+
2 W’anim na bu me atɛn tenenee mu;+
Ma w’ani nhwɛ deɛ ɛtene.+
3 Woapɛɛpɛɛ m’akomam, woahwehwɛ me mu anadwo,+
Woanane me ayiyi me mu; woahunu sɛ memmɔɔ pɔ bɔne bi.+
M’ano renka mmaratodeɛ.+
4 Nnipa nneyɛɛ ho deɛ,
W’anom asɛm ama mahwɛ me ho yie wɔ ɔdwotwafoɔ akwan ho.+
5 Ma m’anammɔn mfa w’akwan mu,+
Ɛno na me nan renhinhim.+
6 Mesu frɛ wo, ɛfiri sɛ wobɛgye me so, O me Nyankopɔn.+
Yɛ aso ma me. Tie m’asɛm.+
7 Ma w’adɔeɛ nyɛ nwanwa,+ Ɔgyefoɔ a wogye wɔn a wɔdwane toa woɔ;
Wogye wɔn firi wɔn a wɔte atua tia wo nsa nifa no nsam.+
8 Hwɛ me so sɛ ani kosua,+
Na fa me hunta wo ntaban nwunu ase,+
9 Nnebɔneyɛfoɔ a wɔfom me nti.
Me kra atamfo atwa me ho ahyia.+
10 Wɔapirim wɔn akoma;+
Wɔde wɔn ano kasa ahantan so;+
11 Baabi a yɛbɛtu yɛn nan asie biara na wɔatwa yɛn ho ahyia;+
Wɔde wɔn ani si so twe yɛn ba fam.+
12 Wɔn mu biara te sɛ gyata a ɔrepɛ nam ateteɛ,+
Ne gyata a ɔtɛ ahuntaeɛ mu.
13 Sɔre ɛ, O Yehowa; kɔ n’anim;+
Brɛ no ase, fa wo nkrantɛ+ gye me kra firi ɔdebɔneyɛfoɔ nsam,
14 O Yehowa, fa wo nsa gye me+ firi nnipa nsam,
Gye me firi wiase+ nnipa a wɔn kyɛfa wɔ asetena yi mu+ nsam,
Nnipa a wode w’akoradeɛ ahyɛ wɔn yafunu ma,+
Wɔn a mma+ abu wɔn soɔ
Na wɔde wɔn agyapadeɛ gya wɔn mma+ no.
15 Me deɛ, tenenee mu na mɛhwɛ w’anim;+
Sɛ menyane a, m’ani bɛgye sɛ mɛhu woɔ.+