Dawid dwom.
29 Ahoɔdenfoɔ mma, momfa mma Yehowa,
Momfa animuonyam ne ahoɔden mma Yehowa.+
2 Momfa Yehowa din animuonyam mma no.+
Momfa ahohyehyɛ kronkron nkoto Yehowa.+
3 Yehowa nne di nsuo so;+
Animuonyam Nyankopɔn+ no na ɔma aprannaa bobom.+
Yehowa di nsuo pii so.+
4 Yehowa nne mu wɔ ahoɔden;+
Yehowa nne mu wɔ animuonyam.+
5 Yehowa nne bubu ntweneduro;
Ampa, Yehowa bubu Lebanon ntweneduro mu asinasini,+
6 Na ɔma no hurihuri sɛ nantwie ba;+
Ɔma Lebanon ne Sirion+ hurihuri sɛ ɛkoɔ mma.
7 Yehowa nne pa gyaframa;+
8 Yehowa nne ma serɛ so woso,+
Yehowa ma Kades+ serɛ so woso.
9 Yehowa nne ma awoɔ ka ɔforoteɛ+ mpofirem;
Ɛma kwaeɛ yɛ pasaa.+
Na obiara ka no n’asɔrefie hɔ sɛ: “Animuonyam nka no!”+
10 Yehowa te nsuyire so;+
Yehowa bɛtena hɔ sɛ ɔhene daa daa.+
11 Yehowa na ɔbɛma ne nkurɔfoɔ ahoɔden.+
Yehowa na ɔde asomdwoeɛ+ bɛhyira ne nkurɔfoɔ.