Ɛfa Solomon ho.
72 O Onyankopɔn, fa w’atemmusɛm ma ɔhene,+
Na fa wo tenenee ma ɔhene ba.+
2 Ma no mfa tenenee nni wo nkurɔfoɔ asɛm mma wɔn,+
Na ɔmfa atɛntenenee nni mma wo mmɔborɔni.+
3 Ma mmepɔ mfa asomdwoeɛ mmrɛ ɔman no,+
Nkokoɔ nso nyɛ saa ara, tenenee so.
4 Ma no nni ɔman no mu mmɔborɔni asɛm mma no,+
Ma no nnye ohiani mma,
Na ɔmmubu osisifoɔ pasaa.
5 Awia da so wɔ hɔ yi, wɔbɛsuro wo+
Wɔ awoɔ ntoatoasoɔ akyi awoɔ ntoatoasoɔ mu, berɛ a bosome wɔ hɔ yi.+
6 Ɔbɛba sɛ nsuo a ɛtɔ gu serɛ a wɔatwa soɔ so,+
Ɔbɛba sɛ bosuo pii a ɛfɔ asase.+
7 Ne berɛ so, ɔteneneeni bɛyɛ frɔmfrɔm,+
Na bosome da so wɔ hɔ yi, asomdwoeɛ bɛbu so.+
8 Ɔbɛnya ɔmanfoɔ firi po ano akɔsi po ano,+
Ne asubɔnten kɛseɛ no+ so akɔsi asase ano.+
9 Nnipa a wɔtete kwaweɛ so bɛkoto n’anim,+
Na mfuturo na n’atamfo bɛtafere.+
10 Tarsis ne nsupɔ so ahemfo,+
Ayɛyɛdeɛ na wɔde bɛba.+
Saba ne Seba ahemfo nso,
Akyɛdeɛ na wɔde bɛba.+
11 Na ahemfo nyinaa bɛkoto;+
Amanaman nyinaa nso bɛsom no.+
12 Ɔbɛgye hiani a ɔsu frɛ no,+
Ne mmɔborɔni ne deɛ ɔnni boafoɔ nso.+
13 Ɔbrɛfoɔ ne ohiani asɛm bɛyɛ no mmɔbɔ,+
Na ɔbɛgye ahiafoɔ kra nkwa.+
14 Ɔbɛgye wɔn kra afiri nhyɛsoɔ ne atirimuɔdensɛm mu,
Na wɔn mogya boɔ bɛyɛ den n’ani so.+
15 Ma no ntena nkwa mu,+ na wɔmfa Saba sika no bi mmrɛ no.+
Ma wɔmmɔ mpaeɛ mma no daa;
Ma wɔnhyira no daa nyinaa.+
16 Asase no so nnɔbaeɛ bɛdɔɔso;+
Ɛbɛbu so akɔduru mmepɔ atifi,+
Ɔhene no nnɔbaeɛ bɛyɛ sɛ Lebanon deɛ,+
Na kuro no mufoɔ bɛyɛ frɔmm sɛ asase so afifideɛ.+
17 Ma ne din ntena hɔ afebɔɔ;+
Awia da so wɔ hɔ yi, ma ne din nyɛ kɛseɛ,
Na wɔmfa ne so nnya nhyira;+
Ma aman nyinaa mfrɛ no anigyeɛ.+
18 Nhyira nka Yehowa Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn;+
Deɛ ɔno nko yɛ anwanwadwuma no.+
19 Nhyira nka n’animuonyam din no daa daa;+
N’animuonyam nhyɛ asase nyinaa so ma.+
Amen ne Amen.
20 Yese ba Dawid+ mpaebɔ no aba awieeɛ.