Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ, Gitit+ so. Asaf dwom.
81 Monto ahurisi dwom mma Onyankopɔn yɛn ahoɔden no;+
Mommɔ ose mma Yakob Nyankopɔn.+
2 Mommɔ dwom+ na monwoso mpintin,+
Na mommɔ sankuo ne sankuten dɛdɛ.+
3 Monhyɛne abɛn, bosome foforɔ;+
Bosome atwa korokuma, monhyɛne yɛn afahyɛ da.+
4 Ɛyɛ ahyɛdeɛ ma Israel,+
Ɛyɛ Yakob Nyankopɔn atemmusɛm.
5 Ɔde yɛɛ nkaesɛm maa Yosef,+
Berɛ a ɔfirii adi faa Egypt asase soɔ no.+
Ɛhɔ na yɛtee kasa a yɛnnim.+
6 “Meyii nnesoa firii ne mmatiri so,+
Na wamfa ne nsa nso ammema nkɛntɛn so bio.+
7 Ahohia mu na wofrɛɛ me, na megyee wo;+
Mefiri aprannaa ahuntaeɛ mu gyee wo so.+
Mehwehwɛɛ wo mu hwɛɛ wɔ Meriba nsuo no ho.+ Sela.
8 O me man tie, na merebɛdi adanseɛ atia wo,+
Sɛ anka wobɛtie me a, O Israel.+
9 Anka onyame foforɔ biara remma wo mu,+
Na worenkoto ananafoɔ nyame bi.+
10 Me, Yehowa, mene wo Nyankopɔn,+
Deɛ ɔyii wo firii Egypt asase soɔ no.+
Bue w’anom tɛtrɛɛ, na menhyɛ no mã.+
11 Nanso me man antie me nne;+
Israel ampɛ sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama me.+
12 Enti megyaa wɔn sɛ wɔnni wɔn akomaden no akyi;+
Wɔnantee wɔn ara wɔn agyinatuo mu.+
13 O sɛ anka me man retie me ɛ,+
Sɛ anka Israel bɛnante m’akwan so ɛ!+
14 Anka mɛdi wɔn atamfo so ntɛm,+
Na madane me nsa akɔ wɔn a wɔmpɛ wɔn asɛm no so.+
15 Wɔn a wɔkyiri Yehowa no bɛbrɛ wɔn ho ase ama no,+
Na wɔn berɛ rentwam da.
16 Mɛma me nkurɔfoɔ ayuo mu sradeɛ adi,+
Na mɛma wɔn ɛwoɔ afiri botan mu+ adi amee.”