Mmebusɛm
5 Me ba, tie me nyansa.+ Yɛ aso ma me na woanya nhunumu,+ 2 na woakora adwempa+ so; ma w’ano nkora nimdeɛ+ so.
3 Ɔbaa hohwini* anom nsɛm sosɔ sɛ ɛwoɔkyɛm,+ n’ano yɛ dɛ.*+ 4 Na akyire asɛm yɛ nwono sɛ awɔnwono;+ ano yɛ nnam sɛ nkrantɛ anofanu.+ 5 Ne nan siane kɔ owuo mu.+ Na n’anammɔn kɔ Adamena* mu.+ 6 Nkwa kwan deɛ, ɔnnwene ho.+ N’akwan mane kɔ baabi a ɔnnim.+ 7 Na afei, me mma, montie me,+ mommfiri m’anom nsɛm ho.+ 8 Twe wo ho firi ne ho koraa, na mmɛn ne fie kwan ano,+ 9 na woamfa w’animuonyam amma ebinom,+ na woamfa wo mfeɛ ansesa amanehunu;+ 10 na ahɔhoɔ amfa w’ahoɔden annyegye wɔn ani,+ na deɛ wobrɛ pɛeɛ no ankɔdi ɔnanani fie,+ 11 na ɔkyena bi woansi apini,+ berɛ a wo nipadua ne wo honam asɛe awie+ no, 12 na woanka sɛ: “Ao, hwɛ sɛdeɛ metanee ntenesoɔ+ na m’akoma buu kasakyerɛ animtia!+ 13 Mantie m’afotufoɔ nne,+ na manyɛ asõ amma m’akyerɛkyerɛfoɔ.+ 14 Ankyɛ koraa, maba amanehunu nyinaa bi mu+ wɔ asafo ne badwafoɔ anim.”+
15 Nom w’ahina mu nsuo, ne nsuo a ɛba w’abura mu.+ 16 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma wo nsuo bɔ pete abɔnten,+ na w’asutene sene fa mmorɔno soɔ? 17 Ma no nyɛ wo nko ara wo dea, na nnyɛ wo ne ahɔhoɔ dea.+ 18 Ma w’asutire nyɛ nhyira,+ na wo ne wo mmeranteberɛ mu yere ani nnye,+ 19 ɔdɔ satwe ne wansane hoɔfɛfoɔ* no.+ Ma ne mpokua mmɔ wo dam daa.+ Tɔ ne dɔ mu ntintan berɛ nyinaa.+ 20 Enti me ba, adɛn na ɛsɛ sɛ wotɔ ɔbaa hohwini ho ntintan, na wofam ɔbaa huhuni?+ 21 Onipa akwan da Yehowa anim,+ na ɔkari n’akwan nyinaa.+ 22 Ɔbɔnefoɔ deɛ, ɔno ara n’amumuyɔ na ɛbɛyi no,+ na ɔno ara bɔne nhoma na ɛbɛkyekyere no.+ 23 Owuo na ɔbɛwuo, ɛfiri sɛ wannye ntenesoɔ,+ na ne nkwaseasɛm dodoɔ nti ɔyera.+