Solomon Dwom
1 Nnwom mu dwom,+ Solomon dwom:+ 2 “Ma no mfa n’ano mfeano mmɛfe m’ano.+ Hwɛ, wo dɔ yɛ dɛ sene bobesa.+ 3 Wo ngo+ yɛ hwam papaapa, na wo din te sɛ ngohwam a wɔrehwie.+ Ɛno nti na mmabaa dɔ woɔ no. 4 Twe me di w’akyi+ na yɛntu mmirika. Ɔhene de me aba ne mpia mu!+ Ma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie. Ma yɛnka wo dɔ ho asɛm nsene bobesa.+ Ɛno nti na wɔdɔ wo saa no.+
5 “Yerusalem mma mmaa,+ meyɛ ɔbaa tuntum, nanso me ho yɛ fɛ, te sɛ Kedar+ ntomadan ne Solomon ntwamutam.+ 6 Monnhwɛ me sɛ mebirie nti, sɛ awia ahye me nti. Me ara me maame mma mmarima mpo bo fuu me. Wɔmaa mehwɛɛ bobeturo so, na me ara me bobeturo+ deɛ, manhwɛ so.
7 “Me kra dɔfoɔ,+ kyerɛ me faako a wohwɛ wo nnwan+ na woma wɔhome awiaberɛ. Adɛn nti na menkyinkyini wo mfɛfoɔ nnwan mu te sɛ ɔbaa a ɔfira awerɛhoɔ?”
8 “Mmaa mu hoɔfɛfoɔ,+ sɛ wonnim hɔ a, kɔdi nnwan no anammɔn akyi na wo mmirekyie mma nnidi nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.”
9 “M’akomam hemmaa,+ m’ani so deɛ, wote sɛ pɔnkɔbereɛ wɔ Farao teaseɛnam ho.+ 10 W’afono yɛ fɛ wɔ mmɛsa mu, na wo kɔn ho twa wɔ ahemfo mu.+ 11 Yɛde sika kɔkɔɔ bɛyɛ abotire ama wo+ na yɛde dwetɛ nso ayɛ agudeɛ.”
12 “Berɛ a ɔhene te ne pono ho yi, me nerdo*+ sradehwam afiri aseɛ reyi hwa.+ 13 Mehunu me dɔfo sɛ kurobo+ kotokuo mã; me nufo+ ntam na ɔbɛda anadwo yi. 14 Mehunu me dɔfo sɛ lele*+ nhwiren wɔ En-Gedi+ bobeturo mu.”
15 “Hwɛ, m’akomam hemmaa, wo ho yɛ fɛ!+ Mese, wo ho yɛ fɛ! W’ani mma yɛ aborɔnoma ani mma.”+
16 “Me dɔfo, wo ho yɛ fɛ,+ na wo ho nso twa. Yɛn mpa+ nso yɛ ahahammono frɔmfrɔm. 17 Yɛn dan so nnua yɛ tweneduro,+ na yɛn mpuna yɛ popaw.