Yesaia
34 Aman, mommra mmɛtie;+ amanaman,+ monyɛ aso. Asase ne ɛso nneɛma nyinaa ntie,+ wiase+ ne deɛ ɛwom nyinaa.+ 2 Yehowa bo afu aman nyinaa,+ na n’abufuhyeɛ wɔ hɔ ma wɔn asraafoɔdɔm nyinaa.+ Ɔbɛsɛe wɔn, ɔbɛma wɔaku wɔn.+ 3 Wɔbɛto wɔn a wɔakunkum wɔn no agu, na wɔn afunu bɛbɔn kankaankan;+ na wɔn mogya bɛhono mmepɔ.+ 4 Ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔ.+ Na wɔbɛbobɔ ɔsoro+ sɛ nwoma mmobɔeɛ, na wɔn asafo bɛpo sɛdeɛ bobe ahahan ne borɔdɔma a atwintwam poɔ no.+
5 “Me nkrantɛ ano bɛfɔ+ wɔ soro. Hwɛ, ɛbɛsiane aba Edom so,+ ɛbɛba nnipa a mabu wɔn atɛn ama ɔsɛeɛ+ no so. 6 Yehowa wɔ nkrantɛ bi; ɛbɛnom mogya amee+ na sradeɛ afɔ ho twɔnn: adwennini ne mpapo mogya, adwennini asaabo ho sradeɛ.+ Yehowa wɔ afɔdeɛ bi bɔ wɔ Bosra, ne okunkɛseɛ wɔ Edom+ asase so. 7 Na ɛkoɔ+ ne wɔn bɛba, anantwinini nkumaa ne wɔn a wɔn ho yɛ den+ nyinaa; na mogya bɛdondɔn wɔn asase na sradeɛ afɔ wɔn dɔteɛ twɔnn.”+
8 Yehowa wɔ akatua da,+ asotwe afe a ɔbɛdi ama Sion.+
9 Ne nsutene bɛdane kootaa na ne dɔteɛ adane sɔfe, na n’asase bɛyɛ sɛ kootaa a ɛrehyeɛ.+ 10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum, na ne wisie bɛkɔ soro daa.+ Kuro no bɛwo ayɛ kesee wɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu,+ na obiara rentwam wɔ hɔ da.+ 11 Na pokupoku ne kɔtɔkɔ bɛgye hɔ afa, na patuo asotenten ne kwaakwaadabi bɛtena hɔ;+ na ɔde ɔsɛeɛ susuhoma+ ne amamfoyɛ prumo bɛto so. 12 N’adehyeɛ no mu biara nni hɔ a wɔde no bɛdi hene, na n’aberempɔn nyinaa bɛyera koraa.+ 13 Nkasɛɛ bɛfifi n’abantenten so, na nsansono ne kokora afifi n’abandenden mu.+ Ɔbɛyɛ sakraman asoɛeɛ+ ne sohori adihɔ.+ 14 Ɛhɔ na serɛ so mmoa ne mmoa a wɔpɔ soɔ bɛhyia, na adaemone abirekyie*+ bɛsu afrɛ ne yɔnko. Anadwoboa bɛba abɛdwodwo ne ho na ɔde hɔ ayɛ n’ahomegyebea.+ 15 Ɛhɔ na ɔkyereben ayɛ ne buo ato ne nkosua, na ɛhɔ na ɔbɛhwane na waboaboa ne mma ano wɔ ne nwunu ase. Aane, ɛhɔ na asansa+ bɛhyia, obiara ne ne hokafoɔ.
16 Monhwehwɛ Yehowa nwoma+ mu na monkenkan no den: baako mpo nyeraeɛ;+ obiara nni hɔ a ɔnni ɔhokafoɔ, ɛfiri sɛ Yehowa no ara ano na aka,+ na ne honhom na aboa wɔn ano.+ 17 Ɔno na wabɔ ntonto ama wɔn, na ɔno ara ne nsa na ɛde susuhoma asusu ama wɔn.+ Ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ na wɔatena hɔ daa, awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ.