Hosea
9 “Israel, nni ahurisie.+ Mma w’ani nnnye te sɛ aman a aka no,+ ɛfiri sɛ woafiri wo Nyankopɔn akyi akɔbɔ adwaman.+ Na wo kɔn dɔ odwamanfoɔ akatua wɔ ayuporobea nyinaa.+ 2 Ayuporobea ne nsã-kyi-amena mma wɔn hwee,+ na nsã foforɔ di wɔn hwammɔ.+ 3 Wɔrenkɔ so ntena Yehowa asase so,+ na Efraim bɛsan akɔ Egypt+ na wɔbɛdi deɛ ɛho nteɛ wɔ Asiria.+ 4 Wɔrenhwie nsã mma Yehowa bio,+ na n’ani rensɔ wɔn afɔdeɛ.+ Ɛbɛyɛ sɛ ayie berɛ mu aduane+ ama wɔn, na obiara a ɔbɛdi bie no ho bɛgu fĩ. Wɔn aduane bɛyɛ wɔn ara wɔn kra dea, na ɛremma Yehowa fie.+ 5 Nhyiamu da ne Yehowa afahyɛ da no, ɛdeɛn na mobɛyɛ?+ 6 Hwɛ, ɔsɛeɛ nti wɔbɛkɔ.+ Egypt bɛboa wɔn ano+ na Memfis+ asie wɔn. Nsansono bɛfa wɔn dwetɛ amapa+ na nkasɛɛ afa wɔn ntomadan.+
7 “Nsrahwɛ nna no bɛba,+ akontabuo nna no bɛba,+ na Israelfoɔ bɛhunu.+ Odiyifoɔ no bɛyɛ kwasea,+ na ɛsiane mo bɔne ne ɔtan bebrebe nti, deɛ ɔka honhom mu nsɛm no bɛbɔ dam.”+
8 Ná Efraim ɔwɛmfoɔ+ no wɔ me Nyankopɔn nkyɛn.+ Na odiyifoɔ no deɛ,+ anomaayifoɔ fidie wɔ n’akwan nyinaa mu,+ na ɔtan wɔ ne Nyankopɔn fie. 9 Wɔama wɔn sɛeɛ ayɛ kɛse+ te sɛ Gibea nna no mu.+ Ɔbɛkae wɔn amumuyɔ,+ na ɔbɛdane n’ani aba wɔn bɔne so.
10 “Mehunuu Israel sɛ serɛ so bobe.+ Mehunuu mo agyanom sɛ borɔdɔma dua a aso n’aba a ɛdi kan.+ Wɔde wɔn ho maa Baal-Peor,+ na wɔhyiraa wɔn ho so maa aniwudeɛ,+ na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ adeɛ a wɔdɔ no no ara.+ 11 Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa;+ obiara renwo, ɔremfa yafunu, na ɔrennyinsɛn.+ 12 Na sɛ wɔhwɛ wɔn mma ma wɔnyini mpo a, mɛma wɔadi awommawuo, na ɔbarima biara renka wɔ hɔ.+ Na sɛ medane me ho firi wɔn ho a, wɔnnue!+ 13 Mehunuu Efraim sɛ Tiro a wɔatɛ wɔ mmoa adidibea,+ nanso Efraim bɛyi ne mma ama okumfoɔ.”+
14 O Yehowa, deɛ wode bɛma wɔn no, fa ma wɔn.+ Ma wɔn yafunu a ɛpɔn+ ne nufoɔ a atwintwam.
15 “Wɔn nnebɔne nyinaa sii wɔ Gilgal,+ enti ɛhɔ na na ɛsɛ sɛ metan wɔn.+ Wɔn amumuyɔ nti mɛpamo wɔn afiri me fie.+ Na merenkɔ so nnɔ wɔn bio.+ Hwɛ, wɔn aberempɔn nyinaa asensene wɔn kɔn.+ 16 Wobɛbɔ Efraim ato hɔ.+ Wɔn nhini bɛtwintwam,+ na wɔrenso aba biara.+ Na sɛ wɔwo mpo a, mɛkum wɔn yafunu mu mma a wɔdɔ wɔn no.”+
17 Me Nyankopɔn+ bɛpo wɔn, ɛfiri sɛ wɔantie no,+ na wɔbɛbɔ asesa wɔ amanaman no mu.+