Yona
3 Na Yehowa ka kyerɛɛ Yona ne mprenu soɔ sɛ:+ 2 “Sɔre kɔ Niniwe kuropɔn mu na pae mu ka asɛm+ a mereka akyerɛ woɔ yi kyerɛ wɔn.”
3 Na Yona sɔre kɔɔ Niniwe sɛdeɛ Yehowa kaeɛ no.+ Saa berɛ no na Niniwe yɛ kuro kɛseɛ wɔ Onyankopɔn ani so,+ na wɔde nnansa na ɛtwa ho hyia. 4 Afei Yona de n’ani kyerɛɛ kuro no mu twaa da koro kwan, na ɔpaee mu kaa sɛ: “Aka adaduanan na wɔadane Niniwe kuro yi abutu.”+
5 Ɛnna Niniwefoɔ no gyee Onyankopɔn diiɛ,+ na ɛfiri kumaa so kɔsi ɔpanin so, wɔn nyinaa dii mmuada firafiraa atweaatam.+ 6 Berɛ a asɛm no duruu Niniwe hene asom no,+ ɔsɔre firii n’adwa so yii n’ahentadeɛ guu hɔ firaa atweaatam, na ɔtenaa nsõ mu.+ 7 Afei ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Niniwe, na wɔde mmara a ɔhene ne ne mpanimfoɔ ahyɛ too dwa sɛ:
“Ɛnsɛ sɛ onipa anaa aboa biara, nantwie oo, odwan oo, de biribi ka n’ano. Obiara nnnidi, na nsuo mpo wɔnnnom bi.+ 8 Na onipa ne aboa biara mfira atweaatam, na wɔnsu dendeenden mfrɛ Onyankopɔn, na obiara nsan+ mfiri ne kwammɔne ne n’amumuyɔsɛm ho. 9 Hwan na ɔnim, ebia nokorɛ Nyankopɔn no bɛsesa n’adwene+ na watwe n’abufuhyeɛ no asan, na yɛanwuwu.”+
10 Afei nokorɛ Nyankopɔn hunuu wɔn nneyɛɛ,+ sɛ wɔasan afiri wɔn akwammɔne so,+ enti nokorɛ Nyankopɔn sesaa n’adwene+ wɔ ɔhaw a ɔkaa sɛ ɔde bɛba wɔn soɔ no ho, na wanyɛ wɔn hwee.+