Nahum
2 Deɛ ɔbɔ nnipa hweteɛ no aba wo so.+ Enti bɔ abandenden no ho ban. Wɛn kwan no. Mia w’abɔsoɔ mu. Yere wo ho dendeenden.+
2 Na Yehowa de Yakob+ animuonyam bɛsan asi hɔ te sɛ Israel animuonyam, ɛfiri sɛ adesɛefoɔ asɛe wɔn,+ na wɔasɛe wɔn mu duforɔ.+
3 Ne nnɔmmarima kyɛm ho abere kɔɔ, na n’akatakyie hyehyɛ ntade kɔkɔɔ.+ Ɛda a ɔsiesie ne ho ma ɛko no, ne teaseɛnam ho nnadeɛ twa yerɛwyerɛw sɛ gya, na popaw+ dua pea di ahim. 4 Nteaseɛnam no ate praka wɔ mmorɔno so,+ na wɔde mmirika di mmɔnten so akɔneaba. Wɔte sɛ agyatɛnee, na wɔtu mmirika sɛ anyinam.+
5 Ɔbɛkae n’aberempɔn.+ Na wɔbɛsunti wɔn nanteɛ mu.+ Na wɔde ahoɔherɛ bɛkɔ ne fasuo ho, na wɔbɛma akoban no mu ayɛ den. 6 Wɔbɛbue nsubɔnten no ano apono na ahemfie no anane. 7 Wɔahyɛ ato hɔ saa, na wɔapa ne ho; wɔbɛfa no akɔ,+ na ne mmaawa bɛdi abooboo sɛ mmorɔnoma,+ na wɔbɛpempem wɔn koko.+ 8 Niniwe te sɛ tadeɛ+ firi ne mfitiaseɛ;+ nanso wɔredwane. “Monnyina hɔ! Monnyina hɔ!” Nanso obiara nnane n’ani.+
9 Momfa dwetɛ; momfa sika,+ ɛfiri sɛ nneɛma a wakora soɔ nni ano. Na ahodeɛ fɛfɛ pii wɔ hɔ.+
10 Kuro no da mpan, asɛe, na adane amamfõ!+ Wɔn akoma nane,+ wɔn nkotodwe keka bom,+ wɔn dwonku mu tutu wɔn,+ na wɔn nyinaa anim asinsiam.+ 11 Ɛhe na agyata atenaeɛ wɔ, na ɛhe na agyatanini amena wɔ, baabi a gyata di akɔneaba,+ baabi a gyata ba wɔ, baabi a obiara nyi wɔn hu?+ 12 Gyata tete nam mu ma ne mma, na ɔkum mmoa ma n’abereɛ. Ɔkye mmoa hyɛ n’amena mu mã, na ɔde mmoa a watete wɔn mu+ hyɛ n’atɛeɛ mã.
13 Asafo Yehowa asɛm nie:+ “Hwɛ, me ne wo wɔ asɛm, na mɛma wo teaseɛnam ahye wɔ wisie mu.+ Na nkrantɛ bɛdi w’agyatanini nam.+ Na mɛtwa wo hanam afiri asase so, na wɔrente w’abɔfoɔ no nne bio.”+