Sakaria
10 “Monsrɛ Yehowa na ɔmma nsuo+ ntɔ wɔ sutɔberɛ mu.+ Yehowa na ɔyɛ mununkum+ na ɔno na ɔma nsuo tɔ ma wɔn,+ na wɔn nyinaa nya mfuo mu nnuane.+ 2 Hwɛ, terafim+ ahoni ka abususɛm, na nkɔmhyɛfoɔ hunu atorɔ anisoadeɛ+ na daeɛ a wɔka ho asɛm no yɛ nkontompo, na wɔde nsɛnhunu kyekyere nnipa werɛ.+ Yei nti wɔde wɔn tiri bɛdom sɛ nnwan,+ na ɔhwɛfoɔ+ a wɔnnie nti, wɔn ho bɛkyere wɔn.
3 “Me bo afu nnwanhwɛfoɔ no dendeenden,+ na akannifoɔ a wɔte sɛ mpapo+ no bɛyi wɔn ano wɔ m’anim,+ ɛfiri sɛ asafo Yehowa adane n’ani aba ne nnwan,+ Yuda fie, so. Na wayɛ wɔn sɛ pɔnkɔ+ nimuonyamfoɔ a ɔde no kɔ ɛko. 4 Ne mu na otitire+ ne otumfoɔ kyigyinafoɔ+ ne akodie mu agyan bɛfiri aba,+ na ne mu na ɔhwɛfoɔ+ biara bɛfiri adi aba; wɔn nyinaa bɛfiri ne mu aba. 5 Wɔbɛyɛ sɛ nnɔmmarima+ a wɔtiatia abɔnten so atɛkyɛ mu wɔ ɛko mu.+ Wɔbɛko ɛfiri sɛ Yehowa ka wɔn ho;+ na apɔnkɔsotefoɔ ani bɛwu.+ 6 Mɛma Yuda fie ayɛ den na magye Yosef fie.+ Mɛhu wɔn mmɔbɔ+ ama wɔn baabi atena, na wɔbɛyɛ sɛ nnipa a mentoo wɔn ntwenee da,+ ɛfiri sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn, na mɛgye wɔn so.+ 7 Efraim bɛyɛ sɛ dɔmmarima,+ na wɔn akoma bɛdi ahurisie te sɛ deɛ wɔanom nsã.+ Wɔn mma nso bɛhunu na wɔadi ahurisie,+ na wɔn akoma ani bɛgye Yehowa mu.+
8 “‘Mɛbɔ hwerɛma+ afrɛ wɔn aboa wɔn ano, na mɛgye+ wɔn ama wɔn ase atrɛ te sɛ wɔn a wɔn ase trɛeɛ+ no. 9 Na mɛpete wɔn sɛ aba agu aman hodoɔ so,+ na wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri.+ Afei wɔne wɔn mma bɛgyina wɔn nan so bio na wɔasan aba.+ 10 Mede wɔn bɛfiri Egypt+ asase so aba, na mɛboaboa wɔn ano+ afiri Asiria de wɔn aba Gilead+ ne Lebanon asase so, na ɛno mpo wɔrennya baabi a ɛbɛsõ wɔn.+ 11 Na ɔde ahohia bɛfa po no mu,+ na ɛpo mu na ɔbɛbɔ asorɔkye,+ na Nil bɛwe akɔduru aseɛ tɔnn.+ Afei Asiria ahantan bɛbrɛ ase+ na Egypt ahempoma+ akɔ.+ 12 Na mɛma wɔayɛ den Yehowa mu+ na wɔanante ne din mu,’+ Yehowa asɛm nie.”