Sakaria
2 Na memaa m’ani so hwɛeɛ, na mehunuu ɔbarima bi a ɔkura susuhoma.+ 2 Enti mebisaa no sɛ: “Ɛhe na worekorɔ?”
Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Merekɔsusu Yerusalem ahwɛ ne tɛtrɛtɛ ne ne ntwemu.”+
3 Afei mehunuu sɛ ɔbɔfoɔ a ɔne me kasaeɛ no rekɔ, na ɔbɔfoɔ foforɔ kɔhyiaa no. 4 Ɛnna ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Tu mmirika kɔka kyerɛ aberanteɛ yi sɛ, ‘“Nnipa bɛtena Yerusalem te sɛ akuraa bi a ɔfasuo nni ho,+ nnipa ne mmoa bebree a wɔwɔ hɔ nti.+ 5 Na mɛyɛ me ho egya fasuo atwa ho ahyia,+ na mɛma m’animuonyam ahyɛ hɔ mã,”+ Yehowa asɛm nie.’”
6 “Monyɛ ntɛm! Monyɛ ntɛm! Hwɛ, monnwane mfiri atifi asase so,”+ Yehowa asɛm nie.
“Mabɔ mo ahwete kɔ baabi a ɔsoro mframa nnan no ani kyerɛ,”+ Yehowa asɛm nie.
7 “Hwɛ, Sion,+ yɛ ntɛm! Wo a wo ne Babilon babaa teɛ, dwane.+ 8 Deɛ asafo Yehowa aka nie, ‘Berɛ a wɔhyɛɛ no animuonyam wieeɛ no,+ ɔsomaa me kɔɔ amanaman a wɔfom mo faeɛ no nkyɛn.+ Na deɛ ɔde ne nsa ka mo no,+ ɔde ne nsa aka m’ani kosua.+ 9 Mɛnyam me nsa atia wɔn,+ na wɔn nkoa bɛfa wɔn sɛ asadeɛ.’+ Na mobɛhunu ampa sɛ asafo Yehowa no ara na asoma me.+
10 “Hwɛ, Sion babaa, bɔ ose na w’ani nnye,+ ɛfiri sɛ mereba+ abɛtena wo mfimfini,”+ Yehowa asɛm nie. 11 “Saa da no, aman pii de wɔn ho bɛbata Yehowa+ ho na wɔayɛ me man;+ na mɛtena wo mfimfini.” Na wobɛhunu sɛ asafo Yehowa na wasoma me aba wo nkyɛn.+ 12 Afei Yehowa bɛfa Yuda sɛ ne kyɛfa wɔ asase kronkron no so,+ na ɔbɛsan ayi Yerusalem.+ 13 Ɔhonam nyinaa nyɛ komm Yehowa anim,+ ɛfiri sɛ ɔfiri ne tenabea kronkron+ hɔ akanyan ne ho.+