Yohane
12 Enti aka nnansia na twam no aduro no, Yesu baa Betania,+ baabi a na Lasaro+ a Yesu anyane no afiri awufoɔ mu no teɛ no. 2 Enti wɔtoo no pono wɔ hɔ, na Marta+ som wɔn;+ Lasaro deɛ, na ɔka wɔn a wɔne no te didipono ho no ho.+ 3 Ɛnna Maria faa ngo hwamhwam, nardo ngohwam amapa,+ nkariboɔ baako a ne boɔ yɛ den hwie sraa Yesu nan ho na ɔde ne nwi pepaeɛ.+ Ngo hwamhwam no hwa hyɛɛ fie hɔ ma. 4 Nanso Yuda Iskariot,+ asuafoɔ no baako a na ɔrebɛyi no ama no kaa sɛ: 5 “Adɛn nti na wɔantɔn ngo hwamhwam+ yi annye denare ahasa amfa amma ahiafoɔ?”+ 6 Nanso ɛnyɛ sɛ ɔdwene ahiafoɔ ho nti na ɔkaa saa, na mmom na ɔyɛ korɔmfoɔ,+ na na sika adaka+ no wɔ ne nkyɛn, na na ɔtaa yi sika a wɔde gu mu no bi. 7 Ɛnna Yesu kaa sɛ: “Monnyaa no mma no nyɛ amanneɛ yi mma me sie da.+ 8 Ahiafoɔ+ deɛ, wɔwɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa.”
9 Afei Yudafoɔ nnipakuo bi hunuu sɛ ɔwɔ hɔ, na wɔbaa hɔ, ɛnyɛ Yesu nko nti, na mmom wɔbɛhwɛɛ Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no nso.+ 10 Afei asɔfoɔ mpanimfoɔ no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛku Lasaro nso,+ 11 ɛfiri sɛ ɔno nti na Yudafoɔ bebree kɔɔ hɔ na wɔgyee Yesu diiɛ.+
12 Da a ɛdi hɔ no, berɛ a nnipakuo kɛseɛ a wɔbaa afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wɔfefaa berɛ+ firii adi kɔhyiaa no. Ɛnna wɔfirii aseɛ teateaam sɛ:+ “Yɛsrɛ wo gye no!+ Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu,+ Israel hene+ no!” 14 Na berɛ a Yesu hunuu afunumu+ ba bi no, ɔtenaa ne so sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: 15 “Nsuro, Sion babaa. Hwɛ! Wo hene reba,+ ɔte afunumu ba so.”+ 16 Mfitiaseɛ no, n’asuafoɔ no anhyɛ yeinom nso,+ nanso berɛ a wɔhyɛɛ Yesu animuonyam no,+ afei wɔkaee sɛ wɔtwerɛɛ yeinom faa ne ho na wɔyɛ maa no.+
17 Enti nnipakuo a na wɔka ne ho berɛ a ɔfrɛɛ Lasaro+ firii ɛda mu na ɔnyanee no firii awufoɔ mu no kɔɔ so dii adanseɛ.+ 18 Yei nti nnipakuo no nso bɛhyiaa no, ɛfiri sɛ na wɔate sɛ wayɛ saa sɛnkyerɛnne+ yi. 19 Ɛnna Farisifoɔ+ no sesee wɔn ho sɛ: “Mohunu sɛ montumi nyɛ ho hwee. Hwɛ! Wiase atu di n’akyi.”+
20 Na Helafoɔ+ bi ka wɔn a wɔbaa sɛ wɔrebɛsom wɔ afahyɛ no ase no ho. 21 Enti yeinom baa Filipo+ a na ɔfiri Betsaida a ɛwɔ Galilea no nkyɛn, na wɔfirii aseɛ srɛɛ no sɛ: “Owura, yɛpɛ sɛ yɛhunu Yesu.”+ 22 Filipo bɛka kyerɛɛ Andrea, na Andrea ne Filipo kɔka kyerɛɛ Yesu.
23 Nanso Yesu buaa wɔn sɛ: “Ɛdɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ onipa Ba no animuonyam.+ 24 Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, sɛ ayuo aba antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ aba baako; nanso sɛ ɛwu a,+ ɛso aba pii. 25 Deɛ ɔpɛ ne kra no sɛe no, na deɛ ɔtan ne kra+ wɔ wiase yi mu no bɛkora so ama daa nkwa.+ 26 Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, ɔnni m’akyi, na baabi a mewɔ no, me somfoɔ no nso bɛba hɔ.+ Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, Agya no bɛdi no ni.+ 27 Afei me kra ho yera no,+ na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu.+ Nanso yei nti na maba dɔn yi mu. 28 Agya, hyɛ wo din animuonyam.” Ɛnna nne+ bi firi soro baa sɛ: “Mahyɛ no animuonyam na mɛsan ahyɛ no animuonyam bio.”+
29 Enti nnipakuo a wɔgyinagyina hɔ a wɔteeɛ no firii aseɛ kaa sɛ ɔprannaa abom. Afoforɔ nso firii aseɛ kaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no.” 30 Yesu buaa sɛ: “Ɛnyɛ me nti na nne yi baeɛ, na mmom mo nti.+ 31 Afei na wɔrebu wiase yi atɛn; afei na wɔrebɛtu wiase+ yi sodifoɔ no afiri hɔ.+ 32 Nanso sɛ wɔma me so+ firi asase so a, mɛtwe nnipa ahodoɔ nyinaa aba me nkyɛn.”+ 33 Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo ko a na ɔrebɛwuo.+ 34 Enti nnipakuo no buaa no sɛ: “Yɛte firii Mmara no mu sɛ Kristo wɔ hɔ daa;+ adɛn nti na woka sɛ ɛtwa sɛ wɔma onipa Ba no soɔ?+ Onipa Ba bɛn nie?”+ 35 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hann no bɛtena mo mu berɛ kakra. Monnante berɛ a mowɔ hann no na esum+ anni mo so; na obiara a ɔnam sum mu no nnim deɛ ɔrekorɔ.+ 36 Berɛ a mowɔ hann yi, monnya hann no mu gyidie na moayɛ hann no mma.”+
Yesu kaa yeinom na ɔfirii hɔ kɔhuntaeɛ. 37 Ɛwom sɛ na wayɛ nsɛnkyerɛnne bebree wɔn anim deɛ, nanso na wɔnnye no nni, 38 enti asɛm a odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no baa mu sɛ: “Yehowa, hwan na wagye deɛ yɛateɛ no adie?+ Na hwan na wɔayi Yehowa basa akyerɛ no?”+ 39 Deɛ enti a wɔantumi annye annie ne sɛ Yesaia kaa bio sɛ: 40 “Wafira wɔn ani na wama wɔn akoma ayɛ den+ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔamfa wɔn ani anhunu na wɔn akoma ante aseɛ na wɔansakra amma mansa wɔn yareɛ.”+ 41 Yesaia kaa yeinom ɛfiri sɛ ɔhunuu n’animuonyam+ na ɔkaa ne ho asɛm. 42 Yei nyinaa akyi no, sodifoɔ no mpo bebree nyaa ne mu gyidie,+ nanso Farisifoɔ no nti, wɔampae mu anka sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔantu wɔn amfiri hyiadan no mu;+ 43 ɛfiri sɛ na wɔpɛ nnipa animuonyam sene Onyankopɔn animuonyam mpo.+
44 Nanso Yesu teaam sɛ: “Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me die, na mmom deɛ ɔsomaa me no nso;+ 45 na deɛ ɔhu me no ahunu deɛ ɔsomaa me no nso.+ 46 Maba wiase sɛ hann+ na obiara a ɔgye me die no antena sum mu.+ 47 Nanso sɛ obi te me nsɛm na wankora so a, memmu no atɛn; ɛfiri sɛ mamma sɛ merebɛbu wiase atɛn,+ na mmom merebɛgye wiase.+ 48 Deɛ ɔmmu me na ɔnnye me nsɛm no wɔ ɔtemmufoɔ baako. Asɛm+ a maka no na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no; 49 ɛfiri sɛ mamfa me ara me pɛ so na ɛkasaeɛ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me deɛ ɛsɛ sɛ meka pɔtee.+ 50 Afei nso, menim sɛ n’ahyɛdeɛ kyerɛ daa nkwa.+ Enti deɛ meka no, deɛ Agya no aka akyerɛ me no, saa ara na meka.”+