Yohane
18 Yesu kaa yeinom wieeɛ no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Kidron subɔn+ no kɔɔ turo bi mu.+ 2 Na Yuda a ɔbɛyi no ama no nso nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no akɔhyia hɔ mprɛ pii.+ 3 Enti Yuda de asraafoɔkuo ne awɛmfoɔ a wɔfiri asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn no baa hɔ a wɔkurakura agyatɛnee ne nkanea ne akodeɛ.+ 4 Afei ɛsiane sɛ na Yesu nim deɛ ɛreba ne so nyinaa nti,+ ɔba bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” 5 Wɔbuaa no sɛ: “Yesu, Nasareni+ no.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menie.” Saa berɛ no na Yuda a ɔbɛyi no ama+ no nso ne wɔn na ɛgyina hɔ.
6 Nanso berɛ a ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menie” no, wɔpimpinii+ wɔn akyi na wɔhwehwee fam. 7 Enti ɔbisaa wɔn bio sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” Wɔkaa sɛ: “Yesu Nasareni no.” 8 Yesu buaa sɛ: “Maka akyerɛ mo sɛ menie. Enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ”; 9 na ɛbɛma asɛm a ɔkaeɛ no aba mu sɛ: “Wɔn a wode wɔn ama me no, memmaa wɔn mu baako mpo nyeraeɛ.”+
10 Ɛnna Simon Petro twee nkrantɛ a ɛhyɛ ne ho no de twaa ɔsɔfo panin no akoa aso nifa firii hɔ.+ Na akoa no din de Malko. 11 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fa nkrantɛ no hyɛ ne bɔha mu.+ Kuruwa a Agya no de ama me no, ɛnsɛ sɛ kwan biara so menom+ anaa?”
12 Afei asraafoɔkuo no ne ɔsahene ne Yudafoɔ awɛmfoɔ no sɔɔ Yesu mu kyekyeree no, 13 na wɔdii kan de no kɔɔ Anas hɔ; ná ɔyɛ Kaiafa a ɔyɛ ɔsɔfo panin saa afe no+ ase. 14 Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ Kaiafa na ɔtuu Yudafoɔ no fo sɛ ɛyɛ ma wɔn sɛ onipa baako bɛwu ama ɔman no.+
15 Saa berɛ no na Simon Petro ne osuani foforɔ di Yesu akyi.+ Saa osuani no yɛ obi a na ɔsɔfo panin no nim no, na ɔne Yesu kɔɔ ɔsɔfo panin no adihɔ hɔ, 16 nanso na Petro gyina abɔnten pono no akyi.+ Ɛnna osuani a ɔsɔfo panin no nim no no firii adi ne ɛpono ano hwɛfoɔ no kɔkasaeɛ, na ɔde Petro baa mu. 17 Afei abaawa a ɔhwɛ pono no ano no ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Wo nso woka onipa yi asuafoɔ no ho, ɛnte saa?” Ɔkaa sɛ: “Dabi, menka ho.”+ 18 Na ɛsiane sɛ na awɔ wom nti, nkoa ne awɛmfoɔ no de gyabidie+ sɔɔ gya gyinagyinaa ho toeɛ. Ná Petro nso gyina wɔn nkyɛn reto gya no bi.
19 Afei ɔsɔfo panin no bisaa Yesu asɛm faa n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho. 20 Yesu buaa no sɛ: “Mekasa kyerɛɛ wiase no wɔ badwam. Mekyerɛkyerɛɛ daa wɔ hyiadan mu ne asɔrefie,+ baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia; na manka biribiara kokoam. 21 Adɛn nti na worebisa me? Bisa wɔn a wɔtee deɛ meka kyerɛɛ wɔn no. Hwɛ! yeinom nim deɛ mekaeɛ.” 22 Ɔkaa saa no, awɛmfoɔ no baako a na ɔgyina hɔ bɔɔ Yesu asom+ kaa sɛ: “Saa na ɛsɛ sɛ wobua ɔsɔfo panin?” 23 Yesu buaa no sɛ: “Sɛ mekaa no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ mekaa no yie a, adɛn nti na wobɔɔ me?” 24 Afei Anas maa wɔde no kɔɔ ɔsɔfo panin Kaiafa hɔ+ a na wɔakyekyere no.
25 Saa berɛ no na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo nso woka n’asuafoɔ no ho, ɛnte saa?” Ɔsanee sɛ: “Dabi, menka ho.”+ 26 Afei ɔsɔfo panin no akoa baako a ne busuani na Petro twaa n’aso+ no kaa sɛ: “Mehunuu sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, ɛnte saa?” 27 Nanso Petro sanee bio sɛ ɛnte saa, na ntɛm ara na akokɔ bɔneeɛ.+
28 Afei wɔde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado aban mu.+ Na ɛyɛ anɔpatutuutu. Nanso wɔn ara ankɔ amrado aban no mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn ho ngu fĩ+ na wɔatumi adi twam no bi. 29 Ɛnna Pilato firii adi baa wɔn nkyɛn, na ɔbisaa sɛ: “Soboɔ bɛn na mode bɔ onipa yi?”+ 30 Wɔbua see no sɛ: “Sɛ onipa yi nyɛ ɔbɔnefoɔ a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.” 31 Ɛnna Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ.”+ Yudafoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛkum obiara.”+ 32 Na yei bɛma Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owuo a ɛtwa sɛ ɔwuo no aba mu.+
33 Enti Pilato kɔɔ amrado no aban mu hɔ bio, na ɔfrɛɛ Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wone Yudafoɔ hene no anaa?”+ 34 Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woabɔ wo tirim reka yei anaa afoforɔ na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ?”+ 35 Pilato buaa sɛ: “Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me.+ Ɛdeɛn na woyɛeɛ?” 36 Yesu buaa sɛ:+ “M’ahennie mfiri wiase.+ Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko+ na wɔamfa me amma Yudafoɔ no. Nanso sɛdeɛ ɛteɛ no, m’ahennie mfiri ha.” 37 Ɛnna Pilato bisaa no sɛ: “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?” Yesu buaa sɛ: “Wo ara na woreka sɛ meyɛ ɔhene.+ Yei nti na wɔwoo me, na yei nti na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ.+ Obiara a ɔwɔ nokorɛ+ no afã no tie me nne.”+ 38 Pilato bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn ne nokorɛ?”
Na ɔkaa yei no, ɔsan firii adi kɔɔ Yudafoɔ no hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.+ 39 Bio nso, mowɔ amanneɛ sɛ twam duru a megyaa onipa baako ma mo.+ Enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no ma mo anaa?” 40 Wɔteaam bio kaa sɛ: “Ɛnyɛ oyi, na mmom Baraba!” Ná Baraba yɛ ɔdwotwafoɔ.+