Yohane
21 Yeinom akyi no, Yesu yii ne ho adi bio kyerɛɛ asuafoɔ no wɔ Tiberia po ho; na ɔyii ne ho adi saa kwan yi so. 2 Ná wɔn a wɔwɔ hɔ ne Simon Petro ne Toma a wɔfrɛ no Ata+ no, ne Natanael+ a ɔfiri Kana a ɛwɔ Galilea no, ne Sebedeo+ mma no, ne n’asuafoɔ foforɔ mmienu. 3 Simon Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Merekɔyi nam.” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn nso yɛne wo bɛkɔ.” Enti wɔfirii adi kɔtenaa kodoɔ mu, nanso wɔanyi hwee anadwo no.+
4 Na adeɛ reyɛ akye no, Yesu bɛgyinaa po no ano, nanso asuafoɔ no anhunu sɛ ɛyɛ Yesu.+ 5 Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Mma nkumaa, monnyaa deɛ mobɛdie, meboa?” Wɔbuaa no sɛ “Dabi!” 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mongu asau no wɔ kodoɔ no nifa na mobɛnya bi.”+ Ɛnna wɔguiɛ, na mpataa no dodoɔ nti na wɔntumi ntwe bio.+ 7 Enti osuani a na Yesu dɔ no+ no ka kyerɛɛ Petro+ sɛ: “Ɛyɛ Awurade!” Afei berɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔde soro atadeɛ kyekyeree ne ho, ɛfiri sɛ na ɔnhyɛ hwee, na ɔtoo ne ho too po no mu. 8 Nanso asuafoɔ a aka no de kodoɔ ketewa no baeɛ, ɛfiri sɛ na wɔne asase ntam kwan nware, bɛyɛ anammɔn ahasa, na wɔtwee asau a mpataa wom no baeɛ.
9 Afei wɔfiri kodoɔ no mu sii fam no, wɔhunuu gyabidie a wɔasɔ+ a ɛnam gu soɔ ne paanoo. 10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momfa mpataa a moyii no seesei yi ara no bi mmra.” 11 Ɛnna Simon Petro foro kɔtwee asau a mpataa akɛseɛ ɔha aduonum mmiɛnsa ahyɛ no mã no baa asase soɔ. Na ɛdɔɔso paa deɛ, nanso asau no antete. 12 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommra mmɛdidi.”+ Nanso asuafoɔ no baako mpo annya akokoɔduro ammisa no sɛ: “Woyɛ hwan?” ɛfiri sɛ na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu bɛfaa paanoo no de maa wɔn,+ na ɔde nam no nso maa wɔn saa ara. 14 Yei ne ne mprɛnsa+ soɔ a na Yesu ayi ne ho adi akyerɛ asuafoɔ no firi berɛ a wɔnyanee no firii awufoɔ mu no.
15 Afei berɛ a wɔadidi awie no, Yesu bisaa Simon Petro sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ me sene yeinom anaa?”+ Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.”+ Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nnwammaa aduane.”+ 16 Ɔbisaa no ne mprenu soɔ sɛ: “Simon, Yohane ba, wodɔ+ me?” Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aane, Awurade, wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nnwan nkumaa.”+ 17 Ɔbisaa no ne mprɛnsa soɔ sɛ: “Simon, Yohane ba, wopɛ m’asɛm anaa?” Petro werɛ hoo sɛ ɔbisaa no ne mprɛnsa soɔ sɛ: “Wopɛ m’asɛm?” Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Awurade wonim nneɛma nyinaa;+ wonim sɛ mepɛ w’asɛm.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ma me nnwan nkumaa aduane.+ 18 Nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, woyɛ aberanteɛ no, na wode adeɛ bɔ wo mu nante kɔ baabi a wopɛ. Nanso sɛ wobɔ akora a, wobɛtene wo nsa na obi de adeɛ abɔ wo mu,+ na ɔde wo akɔ baabi a wompɛ.”+ 19 Ɔkaa yei de kyerɛɛ owuo+ ko a ɔde bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ Enti ɔkaa yei no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ so di m’akyi.”+
20 Petro danee ne ho no, ɔhunuu osuani a na Yesu dɔ+ no no sɛ ɔdi n’akyi, deɛ anwummeduane no ase no na ɔtwere ne kokom a ɔbisaa sɛ: “Awurade, hwan na ɔreyi wo ama?” no. 21 Enti berɛ a Petro hunuu no no, ɔbisaa Yesu sɛ: “Awurade, oyi nso bɛyɛ dɛn?” 22 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛba a,+ ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, kɔ so di m’akyi.” 23 Afei asɛm no trɛɛ anuanom mu sɛ saa osuani no renwu. Nanso Yesu anka ankyerɛ no sɛ ɔrenwu, na mmom ɔkaa sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ+ kɔsi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho bɛn?”
24 Oyi ne osuani+ a ɔdi nneɛma yi ho adanseɛ na ɔtwerɛɛ yeinom, na yɛnim sɛ adanseɛ a ɔdie no yɛ nokorɛ.+
25 Nokwasɛm nie, nneɛma foforɔ pii wɔ hɔ a Yesu yɛeɛ a, sɛ wɔtwerɛɛ ne nyinaa a, anka mesusu sɛ nwoma a wɔbɛtwerɛ no renkɔ wiase mpo.+