Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Asomafoɔ Nnwuma 3
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ

Deɛ woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

Asomafoɔ Nnwuma 3:1

Aseɛ hɔ nsɛm

  • *

    Bɛyɛ awia nnɔn 3.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 10:30

Asomafoɔ Nnwuma 3:2

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 9:1; Aso 14:8
  • +Aso 3:10
  • +Yoh 9:8

Asomafoɔ Nnwuma 3:3

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 11:41

Asomafoɔ Nnwuma 3:4

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 14:9

Asomafoɔ Nnwuma 3:6

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 6:10
  • +Mt 2:23; Aso 4:10
  • +Aso 3:16

Asomafoɔ Nnwuma 3:7

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Mt 9:25; Lu 6:6
  • +Mt 8:15; Yoh 5:8; Aso 9:34; 14:10

Asomafoɔ Nnwuma 3:8

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 35:6
  • +Yoh 5:14

Asomafoɔ Nnwuma 3:9

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 4:21

Asomafoɔ Nnwuma 3:10

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 9:8; Aso 3:2
  • +Mr 5:42

Asomafoɔ Nnwuma 3:11

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yoh 10:23; Aso 5:12

Asomafoɔ Nnwuma 3:12

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +2Ko 3:5

Asomafoɔ Nnwuma 3:13

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ex 3:6; Mt 22:32
  • +Yes 52:13; 53:11
  • +Yoh 7:39; Flp 2:9
  • +Aso 2:23; 5:30
  • +Mt 27:21; Lu 23:14

Asomafoɔ Nnwuma 3:14

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Yo 2:1
  • +Mt 27:20; Lu 23:18

Asomafoɔ Nnwuma 3:15

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 5:31; Heb 2:10
  • +Lu 24:48; Aso 1:8; 2:32

Asomafoɔ Nnwuma 3:17

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 23:34; Yoh 16:3; 1Ti 1:13
  • +1Ko 2:8

Asomafoɔ Nnwuma 3:18

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 22:16; 118:22; Yes 50:6; 53:8; Da 9:26; Lu 22:15

Asomafoɔ Nnwuma 3:19

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:38
  • +Hes 33:11; Efe 4:22; 1Pe 4:3
  • +Hes 33:16; 1Yo 1:7
  • +Yes 28:12

Asomafoɔ Nnwuma 3:21

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Dw 110:1
  • +Mt 17:11
  • +Yes 1:26

Asomafoɔ Nnwuma 3:22

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:15; 34:10
  • +De 18:18; Aso 7:37

Asomafoɔ Nnwuma 3:23

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +De 18:19

Asomafoɔ Nnwuma 3:24

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Lu 24:27; Aso 10:43

Asomafoɔ Nnwuma 3:25

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ro 9:4
  • +Ge 22:18; Ga 3:8

Asomafoɔ Nnwuma 3:26

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:46; Ro 1:16

Bible Afoforɔ

Klike nkyekyɛmu bi so. Ɛbɛma woahunu asɛm korɔ no ara wɔ Bible afoforɔ mu.

Twerɛnsɛm Afoforɔ a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

Aso. 3:1Aso 10:30
Aso. 3:2Yoh 9:1; Aso 14:8
Aso. 3:2Aso 3:10
Aso. 3:2Yoh 9:8
Aso. 3:3Lu 11:41
Aso. 3:4Aso 14:9
Aso. 3:62Ko 6:10
Aso. 3:6Mt 2:23; Aso 4:10
Aso. 3:6Aso 3:16
Aso. 3:7Mt 9:25; Lu 6:6
Aso. 3:7Mt 8:15; Yoh 5:8; Aso 9:34; 14:10
Aso. 3:8Yes 35:6
Aso. 3:8Yoh 5:14
Aso. 3:9Aso 4:21
Aso. 3:10Yoh 9:8; Aso 3:2
Aso. 3:10Mr 5:42
Aso. 3:11Yoh 10:23; Aso 5:12
Aso. 3:122Ko 3:5
Aso. 3:13Ex 3:6; Mt 22:32
Aso. 3:13Yes 52:13; 53:11
Aso. 3:13Yoh 7:39; Flp 2:9
Aso. 3:13Aso 2:23; 5:30
Aso. 3:13Mt 27:21; Lu 23:14
Aso. 3:141Yo 2:1
Aso. 3:14Mt 27:20; Lu 23:18
Aso. 3:15Aso 5:31; Heb 2:10
Aso. 3:15Lu 24:48; Aso 1:8; 2:32
Aso. 3:17Lu 23:34; Yoh 16:3; 1Ti 1:13
Aso. 3:171Ko 2:8
Aso. 3:18Dw 22:16; 118:22; Yes 50:6; 53:8; Da 9:26; Lu 22:15
Aso. 3:19Aso 2:38
Aso. 3:19Hes 33:11; Efe 4:22; 1Pe 4:3
Aso. 3:19Hes 33:16; 1Yo 1:7
Aso. 3:19Yes 28:12
Aso. 3:21Dw 110:1
Aso. 3:21Mt 17:11
Aso. 3:21Yes 1:26
Aso. 3:22De 18:15; 34:10
Aso. 3:22De 18:18; Aso 7:37
Aso. 3:23De 18:19
Aso. 3:24Lu 24:27; Aso 10:43
Aso. 3:25Ro 9:4
Aso. 3:25Ge 22:18; Ga 3:8
Aso. 3:26Aso 13:46; Ro 1:16
  • Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
  • Kenkan wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ (Asante) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
Asomafoɔ Nnwuma 3:1-26

Asomafoɔ Nnwuma

3 Afei na Petro ne Yohane rekɔ asɔrefie hɔ wɔ dɔn a wɔbɔ mpaeɛ no mu, dɔn a ɛtɔ so nkron,*+ 2 na na nkurɔfoɔ sõ ɔbarima bi a ɔyɛ obubuafoɔ firi ne maame yam,+ na daa wɔde no ba asɔrefie pono a wɔfrɛ no Ɛpono Fɛfɛ+ no ano, ma ɔsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie hɔ no sɛ wɔnkyɛ no adeɛ.+ 3 Berɛ a n’ani bɔɔ Petro ne Yohane so sɛ wɔrekɔ asɔrefie hɔ no, ɔfirii aseɛ srɛɛ sɛ wɔnkyɛ no adeɛ.+ 4 Nanso, Petro ne Yohane nyinaa hwɛɛ no dinn+ kaa sɛ: “Hwɛ yɛn.” 5 Enti ɔhwɛɛ wɔn susuu sɛ ɔbɛnya biribi afiri wɔn hɔ. 6 Nanso, Petro kaa sɛ: “Dwetɛ ne sika deɛ, menni bi, na mmom deɛ mewɔ na mede rema woɔ yi:+ Mese wo Nasareni+ Yesu Kristo din mu sɛ nante!”+ 7 Enti ɔsɔɔ ne nsa nifa+ maa ne so. Amonom hɔ ara ne nan ase ne ne nanpɔso nnompe mu yɛɛ den;+ 8 na ɔhuri gyinaeɛ,+ na ɔfirii aseɛ nanteeɛ na ɔne wɔn kɔɔ asɔrefie hɔ+ a ɔnam rehurihuri yi Onyankopɔn ayɛ. 9 Na nnipa no nyinaa+ hunuu no sɛ ɔnam a ɔreyi Onyankopɔn ayɛ. 10 Bio nso, wɔfirii aseɛ hunuu no yie sɛ ɔno ne ɔbarima a na ɔtena Ɛpono Fɛfɛ no ano wɔ asɔrefie hɔ srɛsrɛ adeɛ+ no, na deɛ asie no yɛɛ wɔn nwanwa na wɔn ho dwirii wɔn.+

11 Berɛ a ɔbarima no kura Petro ne Yohane mu no, nnipa a wɔwɔ hɔ nyinaa tuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ deɛ wɔfrɛ no Solomon abrannaa+ no so, a deɛ wɔhunuiɛ no ama wɔn ho adwiri wɔn aboro soɔ. 12 Berɛ a Petro hunuu yei no, ɔka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Israel mmarima, adɛn nti na yei yɛ mo nwanwa, na adɛn nti na morehwɛ yɛn haa te sɛ gyama yɛnam yɛn ara yɛn tumi anaa onyamesom pa so na yɛmaa no nanteeɛ yi?+ 13 Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn,+ yɛn agyanom Nyankopɔn ahyɛ N’akoa+ Yesu animuonyam,+ deɛ mo deɛ, moyii no maeɛ,+ na mopaa no Pilato anim, berɛ a ɔsii gyinaeɛ sɛ ɔbɛgyaa no no.+ 14 Aane, mopaa deɛ ɔyɛ kronkron na ɔtene no,+ na mosrɛɛ sɛ wɔnyɛ mo adom mfa ɔbarima wudini+ mma mo, 15 na mokuu nkwa Safohene+ no. Nanso Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu; ɛyɛ nokwasɛm a yɛyɛ ho adansefoɔ.+ 16 Enti ne din, gyidie a yɛwɔ wɔ ne din mu na ama ɔbarima a mohu no na moni no yi anya ahoɔden, na ne mu gyidie na ama ɔbarima yi ho atɔ no korakora wɔ mo nyinaa anim no. 17 Afei anuanom, menim sɛ monnim nti na moyɛeɛ,+ sɛdeɛ mo atumfoɔ+ no nso yɛeɛ no. 18 Nanso Onyankopɔn nam saa kwan yi so ama nneɛma a ɔnam adiyifoɔ no nyinaa anom so ka siee sɛ ne Kristo no bɛhunu amane no aba mu.+

19 “Enti monsakra mo adwene,+ na monnane mo ho+ mma wɔmpepa mo bɔne,+ na ahosan mmerɛ+ afiri Yehowa no ara nkyɛn aba 20 na wasoma Kristo a wɔayi no ama mo, a ɔne Yesu 21 a ɛtwa sɛ ɔsoro kora no+ kɔsi mmerɛ a wɔbɛsiesie+ nneɛma nyinaa sɛdeɛ Onyankopɔn nam ne tete adiyifoɔ+ kronkron no anom so aka no. 22 Nokwasɛm nie, Mose kaa sɛ, ‘Yehowa Nyankopɔn bɛyi odiyifoɔ bi a ɔte sɛ me afiri mo nuanom mu ama mo.+ Ɛsɛ sɛ deɛ ɔbɛka akyerɛ mo nyinaa motie.+ 23 Nokorɛm no, ɔkra biara a ɔntie saa Odiyifoɔ no, wɔbɛsɛe no koraa afiri ɔman no mu.’+ 24 Na adiyifoɔ no nyinaa, ɛfiri Samuel so ne wɔn a wɔdidi soɔ no soɔ no, wɔn a wɔkasaeɛ nyinaa kaa saa nna no ho asɛm fann.+ 25 Moyɛ adiyifoɔ no ne apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pameeɛ no mma,+ sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ, ‘W’aseni so na wɔnam bɛhyira asase so mmusua nyinaa’+ no. 26 Berɛ a Onyankopɔn maa n’Akoa soɔ no, mo nkyɛn na ɔsomaa no kane+ sɛ ɔmmɛdane mo nyinaa mfiri mo nneyɛɛ bɔne ho na ɔnhyira mo.”

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane