Romafoɔ
2 Enti wo, onipa,+ sɛ woyɛ hwan mpo na wobu atɛn a,+ wonni anoyie biara; ɛfiri sɛ deɛ wobu ɔfoforɔ atɛn wɔ ho no, sɛ wo a wobu obi atɛn+ no kɔ so yɛ adekorɔ no ara+ a, wobu wo ho fɔ. 2 Nanso yɛnim sɛ Onyankopɔn atemmuo a ɛyɛ nokorɛ+ no da hɔ ma wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no.
3 Na wo onipa,+ berɛ a wobu wɔn a wɔkɔ so yɛ saa nneɛma no atɛn na berɛ korɔ no ara woyɛ bie no, wosusu sɛ wobɛfa wo ho adi wɔ Onyankopɔn atemmuo mu?+ 4 Anaasɛ ɛsiane sɛ wonnim sɛ Onyankopɔn adɔeɛ rebɔ mmɔden akyerɛ wo kwan akɔ adwensakra mu+ nti wobu n’ayamyɛ+ ne n’aboterɛ+ ne n’abodwokyɛreɛ+ mu ahonyadeɛ no animtia? 5 Nanso mode mo akoma a ayɛ den+ na apirim+ no reboaboa abufuo+ ano aba mo so abufuo da+ ne berɛ a Onyankopɔn bɛyi+ ne tenenee atemmuo+ adie no. 6 Na ɔbɛtua obiara ka sɛdeɛ ne nnwuma teɛ:+ 7 ɔde daa nkwa bɛma wɔn a wɔnam nnwuma pa so hwehwɛ animuonyam ne anidie ne deɛ ɛmporɔ+ wɔ boasetɔ mu no; 8 nanso, ntɔkwapɛfoɔ+ a wɔntie nokorɛ+ no na mmom wɔtie amumuyɔ no bɛnya asotwe ne abufuo;+ 9 ahohia ne ɔhaw bɛba obiara a ɔyɛ adebɔne no kra so, Yudani+ kane ne afei Helani;+ 10 nanso animuonyam ne anidie ne asomdwoeɛ da hɔ ma obiara a ɔyɛ adepa,+ Yudani kane,+ ne afei Helani.+ 11 Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim.+
12 Sɛ nhwɛsoɔ no, wɔn a wɔnni mmara a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa bɛsɛe a ɛnnam mmara soɔ;+ nanso wɔn a wɔhyɛ mmara ase+ a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa, wɔde mmara na ɛbɛbu wɔn atɛn.+ 13 Na ɛnyɛ wɔn a wɔtie mmara no na wɔtene Onyankopɔn ani soɔ, na mmom wɔn a wɔdi mmara soɔ+ na wɔbɛbu wɔn bem.+ 14 Na berɛ biara a amanaman mufoɔ+ a wɔnni mmara+ no firi awosuo mu yɛ mmara no mu nneɛma+ no, ɛwom sɛ saa nnipa yi nni mmara deɛ, nanso deɛ wɔyɛ no yɛ mmara ma wɔn ara. 15 Wɔn ara na wɔkyerɛ sɛ wɔatwerɛ mmara no nnyinasodeɛ agu wɔn akomam,+ berɛ a wɔn ahonim+ ka wɔn ho di adanseɛ no, na wɔbu wɔn ho fɔ+ anaa wɔyi wɔn ho ano wɔ wɔn ara wɔn nsusuiɛ mu. 16 Yei bɛba da a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bɛbu adasamma+ nneɛma a ahunta+ ho atɛn+ sɛdeɛ asɛmpa a meka no teɛ no.+
17 Afei sɛ wɔfrɛ wo Yudani+ na wode wo ho twere mmara+ san hoahoa wo ho Onyankopɔn mu,+ 18 na wonim n’apɛdeɛ+ na wogye nneɛma a ɛkyɛn soɔ tom ɛsiane sɛ wɔde Mmara no akyerɛkyerɛ woɔ+ nti, 19 na woagye adi sɛ woyɛ kwankyerɛfoɔ ma anifirafoɔ+ ne hann ma wɔn a wɔwɔ sum mu;+ 20 wo a wotenetene wɔn a wɔnni nimdeɛ+ na wokyerɛkyerɛ nkɔkoaa+ na wowɔ Mmara no mu nimdeɛ ne nokorɛ+ no suban+ no— 21 wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho?+ Wo a woka sɛ “Mmɔ korɔno”+ no, wobɔ korɔno?+ 22 Wo a woka sɛ “Nsɛe awareɛ”+ no, wosɛe awareɛ? Wo a woka sɛ wokyiri abosom no, wowia+ abosonnan mu nneɛma? 23 Wo a wode mmara hoahoa wo ho no, woto Mmara+ no de bu Onyankopɔn animtia? 24 Na “mo nti wɔka Onyankopɔn din ho abususɛm amanaman no mu”;+ sɛdeɛ wɔatwerɛ no.
25 Nokorɛm no, sɛ twetiatwa+ so bɛba mfasoɔ a, ɛsɛ sɛ wodi mmara so;+ nanso sɛ wobu mmara so a, wo twetiatwa+ adane momonoto.+ 26 Ne saa nti sɛ momonotoni+ di Mmara no mu tenenee ahwehwɛdeɛ no so+ a, wɔremmu ne momonoto no sɛ twetiatwa anaa?+ 27 Na momonotoni a wɔwoo no saa no nam Mmara no sodie so bɛbu wo, a emu ntwerɛdeɛ ne twetiatwa nyinaa akyi no, wobu mmara soɔ no atɛn.+ 28 Ɛnyɛ Yudani ne deɛ ɔte saa wɔ nnipa ani soɔ,+ na ɛnyɛ twetiatwa nso ne deɛ wɔyɛ no honam fam.+ 29 Na mmom Yudani ne deɛ ɔte saa wɔ ne mu,+ a ne twetiatwa nso yɛ akomam deɛ+ a ɛnam honhom so, na ɛnyɛ mmara a wɔatwerɛ so.+ Saa nipa no ayeyie+ mfiri nnipa na mmom ɛfiri Onyankopɔn.+