1 Korintofoɔ
10 Afei anuanom, mempɛ sɛ mo ani pa so sɛ na yɛn agyanom nyinaa wɔ mununkum no ase,+ na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,+ 2 na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu kɔɔ Mose mu+ wɔ mununkum ne ɛpo no mu; 3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduane korɔ,+ 4 na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ.+ Wɔnom firii honhom fam botan+ a ɛdii wɔn akyi no mu, na saa botan+ no ne Kristo.+ 5 Nanso Onyankopɔn ani ansɔ wɔn+ mu fã kɛseɛ no ara, na wɔwuwuu+ serɛ no so.
6 Na nsɛm yi bɛyɛɛ sɛnnahɔ maa yɛn, na yɛanyɛ nnipa a wɔn kɔn dɔ bɔne+ sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ no. 7 Monnyɛ abosonsomfoɔ nso sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ no;+ sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: “Nkurɔfoɔ no tenaa ase didi nomeeɛ, na wɔsɔre gyee wɔn ani.”+ 8 Saa ara nso na mommma yɛmmfa yɛn ho nnhyɛ adwamammɔ mu sɛdeɛ wɔn mu binom bɔɔ adwaman+ na wɔn mu mpem aduonu mmiɛnsa totɔɔ da koro+ no. 9 Saa ara nso na mommma yɛnnsɔ Yehowa+ nnhwɛ sɛdeɛ wɔn mu binom sɔɔ no hwɛeɛ+ na awɔ kunkum wɔn+ no. 10 Monnnwiinwii nso sɛdeɛ wɔn mu binom nwiinwiiɛ+ na ɔsɛefoɔ no sɛee wɔn+ no. 11 Na yeinom too wɔn sɛ sɛnnahɔ, na wɔatwerɛ de rebɔ yɛn a wiase nhyehyɛeɛ+ yi awieeɛ ato yɛn no kɔkɔ.+
12 Enti deɛ ɔdwene sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase.+ 13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛto nnipa nyinaa.+ Na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ,+ na ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra deɛ mobɛtumi,+ na mmom ɔbɛma kwan abɛda sɔhwɛ no ho+ a mode bɛfiri mu, na moatumi agyina ano.
14 Ne saa nti, m’adɔfo, monnwane+ abosonsom.+ 15 Me ne mo kasa sɛ nnipa a wɔwɔ nhunumu;+ deɛ meka no, mo ara mommu ho atɛn. 16 Nhyira kuruwa+ a yɛhyira soɔ no, ɛnyɛ Kristo mogya mu kyɛfa anaa? Paanoo a yɛbubuo no,+ ɛnyɛ Kristo nipadua mu kyɛfa?+ 17 Ɛsiane sɛ paanoo no yɛ baako nti, yɛdɔɔso deɛ,+ nanso yɛyɛ nipadua baako,+ ɛfiri sɛ yɛn nyinaa di paanoo korɔ no ara bi.+
18 Monhwɛ honam fam Israel:+ Wɔn a wɔdi afɔrebɔdeɛ no nni kyɛfa wɔ afɔrebukyia no mu anaa?+ 19 Ɛnneɛ ɛdeɛn na menka? Sɛ́ deɛ wɔde bɔ afɔdeɛ ma bosom no yɛ biribi, anaa bosom yɛ biribi?+ 20 Dabi; na mmom meka sɛ afɔdeɛ a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma adaemone,+ na ɛnyɛ Onyankopɔn; na mempɛ sɛ mo ne adaemone nya twaka biara.+ 21 Montumi nnom Yehowa kuruwa+ ne adaemone kuruwa ano; montumi nnidi “Yehowa pono”+ so ne adaemone pono so. 22 Anaasɛ “yɛrehyɛ Yehowa abufuo”?+ Yɛn ho yɛ den+ sene no anaa?
23 Hokwan wɔ hɔ ma adeɛ nyinaa; nanso ɛnyɛ ne nyinaa na mfasoɔ wɔ soɔ.+ Hokwan wɔ hɔ ma adeɛ nyinaa;+ nanso ɛnyɛ ne nyinaa na ɛhyɛ den.+ 24 Obiara nnhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma ɔno nko ara,+ na mmom ne yɔnko nso deɛ.+
25 Biribiara a wɔtɔn no namdwa soɔ no, monkɔ so nni,+ na mommmisabisa ho nsɛm, mo ahonim nti;+ 26 ɛfiri sɛ “asase ne emu nneɛma nyinaa yɛ Yehowa+ dea.”+ 27 Sɛ wɔn a wɔnnye nnie no mu biara to nsa frɛ mo na mopɛ sɛ mokɔ a, monni deɛ wɔde bɛsi mo anim biara,+ na mommmisabisa ho nsɛm, mo ahonim nti.+ 28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ mo sɛ: “Yei yɛ biribi a wɔde abɔ afɔdeɛ” a, deɛ ɔkaa ho asɛm no ne ahonim nti, monnni.+ 29 Sɛ meka “ahonim” a, menkyerɛ wo deɛ, na mmom onipa foforɔ no deɛ. Na adɛn nti na ɛsɛ sɛ onipa foforɔ ahonim bu hokwan a mewɔ atɛn?+ 30 Sɛ mede aseda di a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wɔkasa tia me wɔ biribi a mede ho aseda ama ho?+
31 Enti sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforɔ biara oo, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.+ 32 Monhwɛ na moanto Yudafoɔ ne Helafoɔ ne Onyankopɔn asafo no suntidua,+ 33 sɛdeɛ meresɔ nnipa nyinaa ani wɔ adeɛ nyinaa mu,+ a menhwehwɛ deɛ ɛhia me nko ara+ na mmom nnipa pii deɛ, na ama wɔagye wɔn nkwa+ no.