2 Korintofoɔ
2 Mabɔ me tirim sɛ meremfa awerɛhoɔ mma mo nkyɛn bio.+ 2 Na sɛ mema mo werɛ ho+ a, hwan bio na ɔbɛma m’ani agyeɛ sɛ deɛ maho ne werɛ no ara? 3 Enti metwerɛɛ nsɛm yi ara na sɛ meba a, manni wɔn a ɛsɛ sɛ medi wɔn ho ahurisie+ no ho awerɛhoɔ;+ ɛfiri sɛ mewɔ mo nyinaa mu awerɛhyem+ sɛ anigyeɛ a mewɔ no yɛ mo nyinaa dea. 4 Ɛfiri sɛ mefiri akomam ahohia ne ahometeɛ pii mu de nisuo+ bebree na ɛtwerɛɛ mo, a ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ mo werɛ hoɔ,+ na mmom sɛdeɛ mobɛhunu ɔdɔ kɛseɛ a mewɔ ma mo no.
5 Na sɛ obi ayɛ ama awerɛhoɔ aba+ a, ɛnyɛ me na wahyɛ me awerɛhoɔ, na mmom ɛkwan bi so no mo nyinaa—meka yei na me kasa mu anyɛ den dodo. 6 Animka+ a nnipa dodoɔ no ara de ama saa onipa no ara dɔɔso ma no, 7 enti afei deɛ monyi mo yam mfa mfiri+ na monkyekyere ne werɛ, na awerɛhoɔ bebrebe ammene no.+ 8 Ne saa nti metu mo fo sɛ monkyerɛ sɛ modɔ+ no ampa. 9 Na yei nso nti na meretwerɛ sɛ mɛhunu sɛ moyɛ setie wɔ adeɛ nyinaa mu anaa.+ 10 Na biribiara a moyi mo yam de firi obi no, me nso mede firi no.+ Na me fam deɛ, biribiara a mayi me yam de afirie no, sɛ mayi me yam de biribi afiri a, mo nti na meyɛɛ saa wɔ Kristo anim; 11 na Satan annya yɛn,+ ɛfiri sɛ yɛnim n’akwan.+
12 Afei berɛ a meduruu Troa+ sɛ merekɔka Kristo ho asɛmpa na wɔbuee pono maa me Awurade mu+ no, 13 me nua Tito+ a manhu no nti, mannya ahotɔ me honhom mu, na mekraa wɔn firii hɔ kɔɔ Makedonia.+
14 Nanso aseda nka Onyankopɔn a ɔdi yɛn anim+ daa wɔ yɛne+ Kristo nkonimdie santen no mu na ɔnam yɛn so ma wɔte ne nimdeɛ hwa wɔ mmaa nyinaa+ no! 15 Ɛfiri sɛ yɛyɛ Kristo hwam+ ma Onyankopɔn wɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔasi ɔsɛeɛ kwan soɔ+ no mu; 16 wɔn a wɔreyera no deɛ, yɛyɛ hwa firi owuo mu kɔ owuo mu,+ na wɔn a wɔregye wɔn no deɛ, yɛyɛ hwa firi nkwa mu kɔ nkwa mu. Na hwan na ɔfata yeinom?+ 17 Ɛyɛ yɛn; ɛfiri sɛ yɛmfa Onyankopɔn asɛm nni dwa+ sɛdeɛ nnipa pii yɛ no,+ na mmom yɛkasa sɛ anokwafoɔ wɔ Kristo mu,+ aane, sɛ wɔn a Onyankopɔn asoma wɔn, Onyankopɔn anim.