2 Petro
2 Nanso atorɔ adiyifoɔ nso sɔree wɔn mu sɛdeɛ akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bɛsɔre mo mu no.+ Yeinom bɛwiawia wɔn ho de fekusɛm a ɛdi awuo aba na wɔbɛpa wɔn wura a ɔtɔɔ wɔn no mpo,+ na wɔn ara de ɔsɛeɛ bɛba wɔn ho so ntɛm. 2 Bio nso nnipa pii bɛdi wɔn ahohwibra+ akyi+ na wɔn nti wɔbɛka nokorɛ kwan no ho asɛmmɔne.+ 3 Afei anibereɛ nti, wɔnam nnaadaasɛm so bɛsisi mo.+ Na wɔn deɛ, wɔn atemmuo a ɛwɔ hɔ firi tete+ no ntwentwɛn ase, na wɔn sɛeɛ ntɔ nko.+
4 Na Onyankopɔn amma abɔfoɔ+ a wɔyɛɛ bɔne no amfa wɔn ho anni, na mmom ɔtoo wɔn guu Tartarus+ maa wɔkɔɔ sum kabii bunu mu sɛ wɔnkora wɔn so mma atemmuo;+ 5 na wamma tete wiase no amfa wɔn ho anni,+ na ɔkoraa Noa a ɔyɛ tenenee sɛnkafoɔ+ no ne nnipa nson+ so berɛ a ɔde nsuyire+ bɛsɛee amumuyɔfoɔ wiase no; 6 na ɔbuu Sodom ne Gomora fɔ berɛ a ɔmaa nkuro no danee nsõ no,+ na ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ maa amumuyɔfoɔ hunuu deɛ ɛbɛba;+ 7 na ɔgyee ɔteneneeni Lot+ a mmaratofoɔ no ahohwibra maa ne ho hiahiaa no no,+— 8 ɛfiri sɛ deɛ ɔbarima a ɔtene yi hunuiɛ na ɔteeɛ berɛ a ɔne wɔn teɛ da biara da no maa ne kra a ɛtene no ho yeraa no ɛsiane wɔn mmaratodeɛ no nti— 9 yeinom nyinaa kyerɛ sɛ Yehowa nim sɛdeɛ ɔbɛgye wɔn a wɔyi wɔn yam som no no afiri sɔhwɛ mu+ na wakora wɔn a wɔyɛ deɛ ɛntene no so ama atemmuo da ama wɔatwa wɔn afiri hɔ,+ 10 ne titire no wɔn a wɔdi ɔhonam akɔnnɔ akyi de gu afoforɔ ho fĩ+ na wɔbu tumidie animtia no.+
Wɔyɛ aniɛdenfoɔ, wɔdi wɔn koko so asɛm, wɔnsuro animuonyamfoɔ, na mmom wɔka wɔn ho nsɛmmɔne,+ 11 nanso abɔfoɔ a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sene wɔn mpo mfa kasatia mmu wɔn atɛn+ ɛsiane obuo a wɔwɔ ma Yehowa nti.+ 12 Na mmarima yi a wɔte sɛ mmoa a wɔnni adwene a wɔn deɛ ara ne sɛ wɔbɛwo wɔn ama wɔakyere wɔn asɛe wɔn no, wɔn na nneɛma a wɔnnim a wɔkasa tia+ no ara nti, wɔbɛfa wɔn ara wɔn sɛeɛ kwan so akɔ ɔsɛeɛ mu, 13 na wɔpira wɔn ho+ sɛ wɔn bɔne so akatua.+
Wɔbu honam akɔnnɔ a wɔdi akyire awiaberɛ no sɛ anigyedeɛ.+ Wɔyɛ nkekaeɛ ne dɛm, na deɛ wɔn ani gye ho ara ne sɛ wɔde atorɔ nkyerɛkyerɛ bɛdaadaa mo berɛ a wɔne mo bom didie no.+ 14 Wɔwɔ ani a awaresɛeɛ ahyɛ no mã+ a ɛntumi nkwati bɔne,+ na wɔto akra a wɔn ase ntimiiɛ no bradɛ. Wɔwɔ akoma a aben anibereɛ mu.+ Wɔyɛ mmɔfra a wɔadome wɔn.+ 15 Wɔafiri ɛkwan tẽẽ no so ama wɔadaadaa wɔn. Wɔafa Beor ba Balaam+ kwan so; ɔno na na ɔpɛ adebɔne so akatua,+ 16 nanso wɔyii no ntɛn ne mmarato ho.+ Aboa a ɔntumi nkasa de onipa nne kasaeɛ,+ na ɛsii odiyifoɔ no abɔdansɛm no kwan.+
17 Yeinom yɛ asubura a nsuo nnim,+ suwisie a ahum a ano yɛ den bɔ no; wɔn na wɔakora esum kabii so ama wɔn.+ 18 Na wɔkeka akokurokosɛm a mfasoɔ biara nni soɔ, na wɔnam ɔhonam akɔnnɔ+ ne ahohwibra so to wɔn a afei na wɔatete wɔn ho+ afiri nnebɔneyɛfoɔ ho no bradɛ.+ 19 Wɔhyɛ wɔn bɔ sɛ wɔbɛma wɔade wɔn ho,+ nanso wɔn ara yɛ ɔporɔeɛ nkoa.+ Ɛfiri sɛ sɛ obi di ɔfoforɔ so a, ɔde no yɛ akoa.+ 20 Nokwasɛm nie, sɛ wɔnam Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo ho nokorɛ nimdeɛ so tete wɔn ho firi wiase fĩ ho,+ na wɔsan de wɔn ho kɔhyɛ adekorɔ no ara mu bio ma ɛfa wɔn nnommum a,+ ɛnneɛ na wɔn tebea asɛe koraa sene kane deɛ no.+ 21 Sɛ wɔnnim tenenee kwan no a, anka ɛyɛ+ mmom sene sɛ wɔbɛhunu no fann na akyire yi wɔatwe wɔn ho afiri ahyɛdeɛ kronkron a wɔde ama wɔn no ho.+ 22 Ɛno ama nokorɛ bɛ yi afa wɔn ho sɛ: “Ɔkraman+ asan kɔ ɔno ara ne feɛ ho, na prako a wɔadware no asan akɔyantam dontorie mu.”+