Adiyisɛm
2 “Twerɛ kɔma Efeso+ asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yei na deɛ ɔkura nsoromma nson+ wɔ ne nsa nifa mu, deɛ ɔnam sika nkaneadua+ nson no mfimfini no ka, 2 ‘Menim wo nnwuma+ ne wo brɛ ne boasetɔ, na menim nso sɛ wontumi ne nnipa bɔne ntena, na wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ asomafoɔ+ nanso wɔnyɛ bie no, wosɔɔ wɔn hwɛeɛ,+ na wohunuu sɛ wɔyɛ atorofoɔ. 3 Afei woda boasetɔ adi,+ na me din+ nti woagyina mu a wommrɛeɛ.+ 4 Nanso deɛ mewɔ tia woɔ ne sɛ woagya ɔdɔ a na wowɔ kane no.+
5 “‘Enti kae deɛ wofiri hwee aseɛ no, na sakra+ yɛ kane nnwuma no bio. Anyɛ saa a, mereba wo so,+ na mɛyi wo kaneadua+ no afiri ne sibea, gye sɛ wosakra. 6 Nanso deɛ ɛwɔ wo ho ne sɛ wokyiri+ Nikolaifoɔ fekuo+ no nnwuma a me nso mekyire no. 7 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no,+ mɛma no adi nkwadua+ a ɛwɔ Onyankopɔn paradise mu no bi.’
8 “Na twerɛ kɔma Smirna asafo no bɔfoɔ+ sɛ: Yeinom na ‘Odikanfoɔ ne Okyikafoɔ no,’+ deɛ ɔwuiɛ na wasan aba nkwa mu bio+ no ka, 9 ‘Menim w’ahohiahia ne wo hia—nanso woyɛ ɔdefoɔ+—ne abususɛm a wɔn a wɔse wɔyɛ Yudafoɔ+ nanso wɔnyɛ bie na mmom wɔyɛ Satan badwa+ no ka no. 10 Nsuro deɛ ɛrebɛto woɔ no.+ Hwɛ! Ɔbonsam+ de mo mu binom bɛgu afiase na ama wɔasɔ mo ahwɛ koraa,+ na mo ho bɛhiahia mo+ dadu. Di nokorɛ kɔsi owuo mu,+ na mɛma wo nkwa abotire.+ 11 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie+ deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no,+ owuprenu no renka no.’+
12 “Na twerɛ kɔma Pergamo asafo no bɔfoɔ sɛ: Yei na deɛ ɔwɔ nkrantɛ anofanu tenten nnamnam no ka,+ 13 ‘Menim baabi a woteɛ, kyerɛ sɛ baabi a Satan ahennwa sie; nanso woda so ara kura me din mu dendeenden,+ na woampa me mu gyidie+ wɔ me dansefoɔ+ nokwafoɔ Antipa nna no mu mpo, deɛ wɔkum+ no wo nkyɛn, baabi a Satan teɛ no.
14 “‘Nanso mewɔ nsɛm kakra tia wo, sɛ wowɔ ebinom wɔ hɔ a wɔkura Balaam nkyerɛkyerɛ mu dendeenden,+ deɛ ɔkyerɛɛ Balak+ sɛ ɔmfa suntidua nto Israel mma anim mma wɔnni nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom na wɔmmɔ adwaman no.+ 15 Enti wo nso wowɔ nnipa bi a wɔkura Nikolaifoɔ fekuo+ no nkyerɛkyerɛ no mu dendeenden. 16 Enti sakra.+ Anyɛ saa a, mereba wo nkyɛn ntɛm, na mede nkrantɛ tenten a ɛfiri m’anom+ no ne wɔn bɛko.+
17 “‘Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no:+ Deɛ ɔdi nkonim+ no mede mana+ a ahunta no bi bɛma no, na mama no ɛboɔ fitaa, na ɛboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ+ bi aguo a obiara nnim gye deɛ ne nsa ka no.’+
18 “Na twerɛ kɔma Tiatira+ asafo no bɔfoɔ sɛ: Yeinom na Onyankopɔn Ba+ a n’ani te sɛ gya a ɛredɛ+ na ne nan te sɛ kɔbere fɛfɛ+ no ka, 19 ‘Menim wo nnwuma, ne wo dɔ+ ne gyidie ne ɔsom adwuma ne boasetɔ, na deɛ woyɛ+ seesei no sene kane deɛ no.+
20 “‘Nanso mewɔ yei tia wo, sɛ wogyegye saa ɔbaa Yesebel+ no so, deɛ ɔfrɛ ne ho odiyifoɔbaa na ɔkyerɛkyerɛ+ me nkoa+ na ɔdaadaa wɔn ma wɔbɔ adwaman+ na wɔdi nneɛma a wɔde abɔ afɔdeɛ ama abosom no.+ 21 Memaa no berɛ sɛ ɔmfa nsakra,+ nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra firi n’adwamammɔ no ho.+ 22 Hwɛ! Merebɛto no ato yarepa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe awareɛ no akɔ ahohiahia kɛseɛ mu, gye sɛ wɔsakra firi wɔn nnwuma ho. 23 Na mede owuyareɛ bɛbobɔ ne mma na ama asafo no nyinaa ahunu sɛ me na mehwehwɛ asaabo ne akoma mu, na sɛdeɛ mo mu biara nnwuma teɛ no na mɛma no.+
24 “‘Nanso meka kyerɛ mo a moaka a mowɔ Tiatira, wɔn a wɔnnye saa nkyerɛkyerɛ yi nyinaa, wɔn a wɔanhunu “Satan nneɛma a emu dɔ”+ no sɛdeɛ wɔka no no sɛ: Meremfa adesoa foforɔ biara nto mo so.+ 25 Ɛno ara ne sɛ monkura deɛ mowɔ no mu dendeenden+ nkɔsi sɛ mɛba. 26 Na deɛ ɔdi nkonim na ɔdi me nnwuma akyi kɔsi awieeɛ no,+ mɛma no amanaman no so tumi,+ 27 na ɔde dadeɛ poma+ bɛka nnipa no na wɔabubu wɔn asinasini te sɛ anwenneɛ,+ sɛdeɛ me nso menyaa no m’Agya hɔ no, 28 na mɛma no adekyeeɛ nsoromma.+ 29 Ma deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ honhom+ no ka kyerɛ asafo ahodoɔ no.’+