19 “‘Afei ɔsɔfoɔ no mma ɔbaa no nka ntam, na ɔnka nkyerɛ no sɛ: “Sɛ ɔbarima biara ne wo nnaeɛ, na womfirii wo kunu akyi+ nkɔyɛɛ afĩdeɛ biara a, ɛnneɛ nsu nwononwono a ɛde nnome ba yi renyɛ wo hwee.
2 Ɛno nti mmara akyekyere ɔbaa warefoɔ afam ne kunu ho berɛ a ɔbarima no te aseɛ no; nanso sɛ ne kunu no wu a, na wade ne ho afiri ne kunu mmara no ho.+