2 Nanso ne yefam no anni no nokorɛ na ɔfirii aseɛ bɔɔ adwaman.+ Afei ababaa no tu firii ne nkyɛn kɔtenaa ne papa fie wɔ Betlehem a ɛwɔ Yuda, na ɔdii hɔ abosome nnan.
25 Nanso mmarima no antie no. Enti ɔbarima no de ne yefam+ no kɔmaa wɔn wɔ abɔnten hɔ na wɔne no daeɛ,+ na wɔyɛɛ no basabasa+ anadwo mũ no nyinaa maa adeɛ kyeeɛ. Na animu reteteɛ no, wɔgyaa no maa no kɔeɛ.